Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 18:11 - Apam Foforɔ

11 Farisini he sɔre gyinaeɛ, na ofirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ ne tim sɛ, ‘Nyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka he, apoobɔfoɔ, bɛ a bɛntene, awaresɛefoɔ, anaa togyeni yei mpo.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 18:11
26 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Filipo ne Bartolomeo; Toma ne Mateo a na ɔyɛ togyeni; Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo;


Meeka akyerɛ ho, sɛ ho tenenee ammoro atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ bɛ deɛ so a, honnya soro ahennie mu kwane da.


“Na sɛ hoobɔ mpaeɛ a honnyɔ sɛ nyaatwomfoɔ he; efiri sɛ bɛpɛ sɛ begyina hyiadane mu ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, sɛ nnipa behu bɛ. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


“Berɛ biaa a hobɛsɔre sɛ hoobɔ mpaeɛ he, homfa bɛ a howɔ bibi tia bɛ bɔne nkyɛ bɛ, na ho soro Agya nso de ho mfomsoɔ akyɛ ho.”


na bɛbɔ akunafoɔ apoo, na nyaatwom nti, bɛbɔ mpaeɛ atentene. Yeinom benya fobuo kɛseɛ.”


Afei ɔtwee ne ho firii bɛ ho kɔɔ bea bi a hɔ bɛne; na obuu nkotodwe firii ase bɔɔ mpaeɛ


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


mmɔdenmmɔ fam he, metaa asafo he; mmara he mu tenenee fam he, me ho nni asɛm biaa.


Woka sɛ, ‘Meyɛ defoɔ na maanya me ho, na mewɔ nea ohia me nyinaa.’ Nso wonnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ hiani. Woda adagya, na w’ani nso afira.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ