Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 17:6 - Apam Foforɔ

6 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba mpo a, nka hobɛka akyerɛ saa akyee dua yi sɛ, ‘Tutu na kosi po mu!’ Na nka obetie ho.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 17:6
13 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ɔkaa sɛ, “Bra!” Nti Petro si firii kodoɔ he mu, firii aseɛ nantee nsuo he so sɛ ɔɔkɔ Yesu nkyɛne.


Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho gyidie a osua nti a. Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba a, nka hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ ha a,’ obetutu; na bibiaa nni hɔ a hoontumi nyɔ.”


Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ howɔ gyidie na honnye akyinnye a, nka nyɛ deɛ meyɔɔ borɔdoma dua yi nkoaa ne hobɛyɔ, na mmom sɛ hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kogu po mu a,’ ɔbɛyɔ hɔ.


Ɔte sɛ sinapi aba a sɛ bedua ne asaase mu a, ɔno ne aba a osua paa asaase so aba nyinaa mu;


Yesu buaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wooka sɛ: Sɛ wobetumi a! Te aseɛ sɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ ama nea ɔgye di.”


Na ɔmaa mfantoho yi sɛ: Nyankopɔn ahennie he te sɛ sinapi aba a bi duaa no ne turom, na onyini bɛyɛɛ dua, na soro nnomaa tenatenaa ne mmane so.”


“Ho mu hwane ne ɔwɔ akoa a oofuntum asaase anaa ɔɔhwɛ mmoa, na sɛ ofiri afuom ba a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɔ ntɛm bra bɛtena didipono ho’;


Nti otutuu mmirika dii kane kɔɔ animu kɔforoo akyee dua bi sɛnea obehu no, efiri sɛ na Yesu oobetwam afa saa kwane he so.


Berɛ a Awurade ani bɔɔ baa he so he, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su.”


Nti Yohane frɛɛ n’asuafoɔ he mu mmienu somaa bɛ Awurade nkyɛne sɛ benkobisa no sɛ, “Nti wone nea ɔɔba he anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?”


Na sɛ mewɔ nkɔmhyɛ tumi, na meyɔ ahintasɛm ne nimdeɛ nyinaa mu nteaseɛ, na mewɔ gyidie nyinaa ma metumi tutu mmepɔ, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ