Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 17:30 - Apam Foforɔ

30 Saa ne ɔbɛyɛ da a bebeyi nipa Ba he adi he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 17:30
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ so he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no kokoam sɛ, “Ka kyerɛ yɛ, da bɛ ne yeinom besi, na mmɛ nsɛnkyerɛnne ne bɛda adi fa wo mmaeɛ ne awieeɛ berɛ he mu?”


Na sɛdeɛ Noa nna he yɛeɛ he, saa ne Nipa Ba he so maeɛ bɛ yɛ.


Na bɛanhu hwee kosi sɛ nsuhyiri he baeɛ bɛfaa bɛ nyinaa kɔeɛ. Na sɛdeɛ ɔyɛeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he mmaeɛ mu.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woaa woaka, Na meeka akyerɛ ho, Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, hobehu Nipa Ba he sɛ ɔte Nyankopɔn Tumfoɔ nifa so na ɔte soro mununkum so ɔɔba asaase so.”


Na afei bebehu Nipa Ba he sɛ osiane mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


Na sɛnea anyinam ma ne hann hyerɛn firi soro ase fã bi kɔ soro aseɛ fã foforɔ he, saa ne nipa Ba he bɛyɛ ne nna he mu.


Na da a Lot firii Sodom he, gya ne sɔɔfee tɔ firii soro bɛsɛee bɛ nyinaa.


efiri sɛ yei yɛ aweretɔ nna, sɛnea ɔbɛyɛ a nea bɛatwerɛ he nyinaa bɛba mu.


Na afei hobehu sɛ Nipa Ba he nam mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ ɔɔba.


na amma adom akyɛdeɛ biaa ammɔ ho berɛ a hootwɛne yɛ Awurade Yesu Kristo adiyie he dendenndene yi.


Ɔno Nyankopɔn ankasa nso bɛhyɛ ho dene akosi awieeɛ, na ho ho amma asɛm Awurade Yesu Kristo da he.


Sɛ Kristo a ɔyɛ yɛ nkwa he yi ne ho adi a, bebeyi ho ne no nso adi animuonyam mu.


na wama ho a ahohiahia ba ho so he ahome, da a bebeyi Awurade Yesu ne n’abɔfoɔ a bɛwɔ tumi adi afiri soro ya gyaframa mu,


Nti honsi ho adwene pi, na homma ho ani nna hɔ. Honnyina yie, na homma ho ani nna adom a bɛde bɛma ho Yesu Kristo ba a ɔbɛba he mu he so.


na ama bɛahu sɛ ho gyidie he yɛ kann, na ɔsombo kyɛne sikakɔkɔɔ mpo. Sikakɔkɔɔ a betumi sɛe no he mpo, bɛde gya sɔ hwɛ, nti ho gyidie a ɔsom bo kyɛne sikakɔkɔɔ he, ɔsɛ sɛ bɛsɔ hwɛ hu sɛ, obetumi agyina anaa. Ɔno akyi ansa na da a Yesu Kristo bɛba he, hoanya animuonyam.


Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.


Na afei, me mma nkumaa, hontena ne mu sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ oyi ne ho adi a, yebenya akokoɔduro na yɛmfa aniwuo nkohinta da a ɔbɛba he.


Me nuanom, seesei yɛyɛ ne mma nso nea daakye yɛbɛyɛ he nya nnaa adi. Nso yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, efiri sɛ, yebehu no sɛnea ɔteɛ ankasa.


Hwɛ! Ɔnam mununkum mu ɔɔba; ani nyinaa behu no, na bɛ a bɛwɔɔ no pea he nso behu no bi. Na ɔno nti asaase so nnipa nyinaa bɛbɔ bena. Ampa, saa ne ɔbɛyɔ. Amen!


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ