Saa ara ne Sodom ne Gomora ne nkuro a atwa bɛ ho ahyia a bɛyɔɔ sɛ yeinom, de bɛ ho maa adwamammɔfoɔ, na bekodii honam akɔnnɔ akyi a na ɔnyɛ ne kwane so, na bɛde daa gya twee bɛ aso de ayɔ nsɛnnahɔ ama yɛ.
he ankasa bɛnom Nyankopɔn abufuo nsa korɔgyee a bɛahwie agu n’abufuo kuruwa mu he bi. Bɛ a bɛbɛyɔ saa he nyinaa, bɛbɛhyɛ no aniɔyeyaa gya ne sɔfe mu, abɔfoɔ ne Adwamaa he anim.
Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.