20 Berɛ bi Farisifoɔ he bisaa Yesu berɛ korɔ a Nyankopɔn ahennie he bɛba, obuaa bɛ sɛ, “Nyankopɔn ahennie he ɔɔmma sɛ adeɛ a behu no pefee;
‘Ho kuro yi mu mfuturo mpo a oguu yɛ nane ho he, yɛ aporoporo agu ho so. Nso, homma ɔntena ho adwene mu sɛ Nyankopɔn ahennie he abɛne.’
Afei homeda bi, Yesu kɔɔ Farisifoɔ mpanyimfoɔ he mu baako fie sɛ ookodidi he, na nkurofoɔ he ɔɔtetɛ no.
“Mmara he ne adiyifoɔ he tenaa hɔ besii Yohane so; efiri hɔ he, bɛpae mu ka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa, na nipa biaa bɔ mmɔdene sɛ obewura mu.
Berɛ a ɔɔbɛne Yerusalem he, nnipa a bɛtee nea ɔkaeɛ he susuu sɛ Nyankopɔn ahennie oobeyi ne ho adi amonom hɔaa. Nti ɔmaa bɛ mfantoho bi.
Yesu buaa sɛ, “M’ahennie mfiri wiase yi mu. Sɛ nka ofiri wiase yi mu a, nka m’asomfoɔ bɛko na bɛamfa me anhyɛ Yudafoɔ he nsa. Nso m’ahennie mfiri ha.”