2 Nti defoɔ he frɛɛ n’akoa he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘mmɛ ne mete fa wo ho yi? Bebu wo fiehwɛ adwuma he ho akonta kyerɛ me, efiri sɛ wontumi nhwɛ fie he so bio.’
Afei fiehwɛfoɔ he kaa no ne tim sɛ, ‘Mmɛ ne menyɔ, berɛ a me wura ɔɔbɛgye me fiehwɛ adwuma afiri me nsam yi? Me ho nyɛ dene pii sɛ metutu fam, mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ.
Nti mpɛ ntɛm mmu atɛne ansa na berɛ he aso, ansa na Awurade aba, ɔno ne de nnoɔma a ahinta sum mu bɛba hann mu na wayi akoma mu botaeɛ adi, ansa na ɔde biaa abasobɔ ama no.
Na mehuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ begyinagyina ahennwa he anim. Bebiebiee nwoma bebree mu, na bebiee nwoma foforɔ bi a ɔyɛ nkwa nwoma he mu. Bebuu awufoɔ he atɛne, sɛnea bɛ nnwuma teɛ, ne sɛnea bɛatwerɛ ya nwoma ahoroɔ he mu he.