Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 14:13 - Apam Foforɔ

13 Na mmom, sɛ wo to pono a, to nsa frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye, ne anifirafoɔ nso,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 14:13
34 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nnipadɔm pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, mmum, ne afoforɔ bebree kaa bɛ ho baa ne nkyɛne. Bɛde bɛ beguu ne nane ase, na ɔsaa bɛ yadeɛ,


Nti nkoa he te sii mmɔntene so na bɛboaboa bɛ a behuu bɛ nyinaa ano, nnipa pa ne nnipa bɔne; yei maa ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayefohyia apontoɔ dane he ma.


Nso, homfa nea ɔya mu he nyɔ adɔeɛ, na hwɛ, nnoɔma a aka nyinaa ho ate ho fam.


Na ɔka kyerɛɛ beema a ɔtoo nsa frɛɛ no he nso sɛ, “Sɛ woto pono, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa wo mfɛfoɔ adefoɔ nkoaa, ɔnam sɛ wodwene sɛ bɛ nso da bi bɛbɛto nsa afrɛ wo bɛ apontoɔ asɛ de atua wo ka nti.


na wobenya nhyira, efiri sɛ bɛ deɛ benni bibiaa a bɛde betua wo so ka. Na wobenya akatua ateneneefoɔ wusɔreɛ he mu.”


Nti akoa he bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura he. Na fiewura he bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ n’akoa he sɛ, ‘Yɔ ntɛm kɔ kuro he akwane ne mmorɔnoo so kɔfa ahiafoɔ ne mmubuafoɔ ne anifirafoɔ ne mpakye bra.’


Na Petro sɔre ne bɛ kɔeɛ. Na oduruu hɔ he, bɛde no kɔɔ dane he mu abrosane he so; na akunafoɔ he nyinaa de suu baa ne nkyɛne de ntaadeɛ nhyɛaseɛ ne ntaadeɛ ngugusoɔ a Doka yɔeɛ berɛ a ɔya bɛ nkyɛne he bebree kyerɛeɛ.


Ɔsɛ sɛ asafo so hwɛfoɔ yɛ bi a onni dimmɔne biaa, ne yerɛ baako, n’ani da hɔ, ɔyɛ nyansafoɔ, ɔyɛ bi a biaa ma anidie, ɔpɛ ahɔhoyɛ, onim nkyerɛkyerɛ,


ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.


na mmom ɔsɛ sɛ asafo hwɛfoɔ yɛ bi a ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papayɔ, n’adwene mu da hɔ, ɔtene, ne ho te, na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.


Nɔkwasɛm di, me nua, ɔnam wo dɔ so ama manya anigye ne awerɛkyekyerɛ, efiri sɛ, woama ahoteefoɔ he, bɛ akoma atɔ bɛ yam.


Hommmu ho ani ngu ahɔhoyɛ so. Na binom nam ahɔhoyɛ so yɔɔ abɔfoɔ papa a na bennim sɛ bɛyɛ abɔfoɔ mpo.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ