Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 13:24 - Apam Foforɔ

24 “Honyere ho ho dendenndene nwura pono teateaa he mu, na meeka akyerɛ ho sɛ nnipa beberee bɛhwehwɛ sɛ bewura mu nso bentumi.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 13:24
26 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ofiri Suboni Yohane berɛ so besi nnɛ bɛyɔ soro ahennie he ho adeɛ anibereɛ so, na bɛ a bɛ ani abere he nso fa no aniɔdene so.


Afei bi bisaa no sɛ, “Awurade, bɛ a wobegye bɛ nkwa he yɛ kakraa bi anaa?” Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,


Nti, honwɛne, na honsrɛ berɛ nyinaa na hoatumi agyina nnoɔma a otwa sɛ osisi yi nyinaa ano, na hoatumi agyina Nipa Ba he anim akokoɔduro so.”


Mma nkumaa, mene ho ya hɔ mmerɛ tiaa bi. Hobɛhwehwɛ me, na sɛnea maka akyerɛ Yudafoɔ he sɛ, ‘Baabi a meekɔ hontumi mma hɔ he, saa ne seesei meeka akyerɛ ho nso.’


[Nea ɔteɛ ne sɛ, sɛ Awurade bɔfoɔ he hono nsuo he wie a, yarefoɔ a obedi kane akɔtɔ nsuo he mu he nya ayaresa.]


Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”


Hobɛhwehwɛ me, na honhu me, na nea meya he, hontumi mma hɔ.”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ bio sɛ, “Me deɛ, meekɔ, na hobɛhwehwɛ me, na hobewu ho bɔne mu; na baabi a meekɔ he, ho deɛ, hontumi mma hɔ.”


efiri sɛ, benni tenenee a ofiri Nyankopɔn hɔ he ho nimdeɛ, esiane sɛ bɛpɛ sɛ bɛde bɛ ankasa bɛ tenenee si hɔ nti, bɛmfa bɛ ho nhyɛ Nyankopɔn tenenee mu.


Yei nti ne mepre de m’ahoɔdene nyinaa yɔ adwuma sɛnea n’ahoɔdene kanyane me he.


Nti homma yɛmmɔ mmɔdene nhyɛne saa ahomegyeɛ he mu bi, sɛnea ɔbɛyɛ a biaa ɔnyɔ asoɔdene korɔ heaa bi nhwe ase sɛdeɛ bɛyɔeɛ he.


Nti me nuanom, homfa mmɔdemmɔ nsi frɛ a bɛafrɛ ho ne yi a bɛayi ho he pi; na sɛ hoyɔ saa a, honnsonti da.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ