“Nso ho, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ, honnue! Efiri sɛ, hosi nipa kwane soro ahennie mu nipa anim, ho ankasa nso honkɔ mu, na sɛ binom ɔɔkɔ mu a, hosi bɛ kwane.
Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii he dɔɔso ama bɛakyere so ama beetiatia bɛ ho bɛ ho he, Yesu dii kane ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Honhwɛ yei Farisifoɔ mmɔreka a ɔyɛ nyaatwom he ho.
Ɔbɛyɛ dɛ na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Me nua, ma menyi mfrɛ a ɔda w’ani so yi mma wo,’ berɛ a wonhu mpuna a ɔda w’ankasa w’ani so he mpo? Nyaatwomni! Di kane yi w’ankasa w’ani so mpuna he, na wobehu sɛnea wobeyi mfrɛ a ɔda wo nua ani so he.