12 Berɛ a Yesu huu no he, ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Baa, bɛayi wo afiri wo w’ahoɔmmerɛ mu.”
Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.
Saa anwummerɛ he bɛde nnipa bebree a bɛwɔ ahohommɔne braa no; ɔde tumi a ɔya n’asɛm mu tutuu ahohommɔne he, na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.
Saa berɛ he, na baa bi a honhom bi ama no ayare mfie dunwɔtwe ama ne mu akuntunu a na ontumi mmae ne mu.
Na ɔde ne nsa guu ne so; na amonom hɔaa ne mu teneeɛ, na ofirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam.
Ɔmfata sɛ baa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfie dunwɔtwe he, bɛsane no firi mpokyerɛ yi mu homeda anaa?”