Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 13:11 - Apam Foforɔ

11 Saa berɛ he, na baa bi a honhom bi ama no ayare mfie dunwɔtwe ama ne mu akuntunu a na ontumi mmae ne mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 13:11
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Yesu bisaa ne papa he sɛ, “Mprɛ mmeɛhe ne yei ato no.” Na ɔkaa sɛ, “Ofiri ne mmɔfrase.


Berɛ a Yesu huu no he, ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Baa, bɛayi wo afiri wo w’ahoɔmmerɛ mu.”


Ɔmfata sɛ baa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfie dunwɔtwe he, bɛsane no firi mpokyerɛ yi mu homeda anaa?”


Na sɛ nnoɔma yi firi aseɛ sɛ oosisi a, honsɔre nnyina na homma ho ti so, efiri sɛ na hogyeɛ he abɛne.”


Na mmaa bi a wasa bɛ yadeɛ atutu ahonhommɔne afiri bɛ mu, Maria a bɛfrɛ no Magdalene, a ahonhommɔne nson firii ne mu kɔeɛ he,


Na osii fam he, beema bi a ɔwɔ honhommɔne a ofiri kuro he mu behyiaa no. Na berɛ tentene di a na omfiraa ntoma, na ɔnte dane biaa mu, na mmom amusieɛ ne ɔte.


Na baa bi a mogyaa atu no mfie dummienu, a biaa ntumi nsaa no yadeɛ,


Na nkurofoɔ so beema bi a bɛwoo no he na ɔyɛ bubuani; na daa bɛde no ba asɔrefie pono a bɛfrɛ no Pono Fɛɛfɛ he ano ma no bɛsrɛ bɛ a bɛɛkɔ asɔrefie hɔ he hɔ sika.


Na beema a bɛnam anwanwakwane so saa no yadeɛ he adi boro mfie aduannan.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ