Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 12:9 - Apam Foforɔ

9 Na nea ɔpa me nnipa anim he, Nipa Ba he nso bɛpa no Nyankopɔn abɔfoɔ anim.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 12:9
15 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

nso deɛ ɔbɛpo me nipa anim he, me nso mɛpo no m’Agya a ɔya soro he anim.


Nso obuaa sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, mennim ho.’


“Sɛ Nipa Ba he ba n’animuonyam mu a, na abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam adwa so.


Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Na mɛpae mu aka akyerɛ bɛ sɛ, Mennim ho da; homfiri me so nkɔ, ho a hoyɔɔ nnebɔne.


Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho ya nnɛ mma, awaresɛefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ mu he, ɔno nso ho bɛyɛ Nipa Ba he animuwo berɛ a ɔbɛba n’Agya animuonyam mu a abɔfoɔ kronkron he ka ne ho he.”


Nti, meeka akyerɛ ho sɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ anigye debɔneyɛni baako a wasakra ho.”


Nso Petro sanee sɛ, “Baa, mennim no.”


Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne m’asɛm ho he, ɔno nso ho bɛyɛ nipa Ba he aniwuo berɛ a mede m’Agya animuonyam bɛba, a abɔfoɔ kronkron ka me ho he.


sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ;


Na nea ɔpo Ba he po Agya he nso; nea ɔgye Ba he, gye Agya he nso.


Na afei, me mma nkumaa, hontena ne mu sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ oyi ne ho adi a, yebenya akokoɔduro na yɛmfa aniwuo nkohinta da a ɔbɛba he.


“Menim wo nnwuma. Hwɛ, mede pono bi a mabie a bi ntumi ntom asi w’anim. Menim sɛ wowɔ tumi ketewa bi deɛ, nso woadi me nkyerɛkyerɛ he so na woampa me dini.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ