41 Afei Petro bisaa sɛ, “Awurade, wode mfantoho yi ɔɔma yɛ anaa wode ɔɔma bɛ nyinaa nso?”
Na deɛ meeka akyerɛ ho he, meeka akyerɛ biaa: Homma ho ani nna hɔ.”
Na ɔba behuu sɛ bɛadeda; na obisaa Petro sɛ, “Ei! Simon, wada? Nti woantumi anwɛne dɔnhwere baako mpo?
Nti akoa he a onim nea ne wura pɛ nso wansiesie ne ho anaa wanyɔ nea ɔpɛ he, bɛbɛbɔ no mmaa pii.
Nso nea onnim a ɔyɔɔ nnoɔma a ɔsɛ hweɛ he bɛbɛhwe no kakraa bi. Nɔkwasɛm ne sɛ, biaa a bɛma no pii he, bebebisa pii afiri ne hɔ, na nea bɛde pii hyɛ ne nsa he, ɔno ne bebebisa pii nso afiri ne hɔ.
Nnoɔma nyinaa awieeɛ abɛne. Saa nti homma ho adwene mu nna hɔ, na ho ani nna hɔ mma mpaeɛ.
Homma ho ani nna hɔ, na honwɛne, efiri sɛ, ho tamfoɔ bronsam he nam sɛ gyata a ɔɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.