Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 12:4 - Apam Foforɔ

4 Bio nso, me nnamfonom, meeka akyerɛ ho sɛ, honnsuro bɛ a beku nipadua na ɔno akyi he bentumi nyɛ no hwee bio.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 12:4
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Honnsuro bɛ a beku honam nso bentumi nku kra; na mmom honsuro deɛ obetumi asɛe honhom ne honam bronsam gya mu.


Biaa nni dɔ a ɔkyɛne yei, sɛ bi de ne nkwa bɛto hɔ ama ne nnamfo.


Nso memmu me kra sɛ adehia sɛ wie a mewie me som ne adwuma a Awurade Yesu de ahyɛ me nsa sɛ menka asɛmpa a ɔfa Nyankopɔn adom he ho he.


Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.


na ho atamfoɔ antumi anhunahuna ho bibiaa mu. Na bɛ deɛ, yei yɛ bɛ sɛeɛ ho nsɛnkyerɛnne pefee, na ho deɛ, ɔyɛ ho nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnne. Na yei deɛ ɔyɛ Nyankopɔn nsa ano adwuma,


Na ɔnam so maa twerɛsɛm he baa mu sɛ, “Abraham gyee Nyankopɔn diiɛ, na Nyankopɔn buu ne gyidie he sɛ tenenee maa no,” na bɛfrɛɛ no Nyankopɔn adamfo.


Na sɛ tenenee nti hohu amane mpo a, hoyɛ nhyira. Honnsuro nnipa, na hommma hwee nnha ho.


Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ