Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 12:32 - Apam Foforɔ

32 “Honnsuro! Nwankuo ketewa, efiri sɛ ɔsɔ ho Agya ani sɛ ɔde ahennie he bɛma ho.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 12:32
30 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nso amonom hɔaa Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homa ho akoma ntɔ ho yam, ɔyɛ me a; honnsuro koraa.”


Saa ne akyidifoɔ bedi kane, na adikanfoɔ mmom abedi akyire.”


Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Honhwɛ yie atorɔ adiyifoɔ ho, bɛ a bɛfira dwane nwoma ba ho nkyɛne nso bɛ mu paa deɛ bɛyɛ mpataku.


Saa dɔno heaa mu he, anigye hyɛɛ Yesu mã Honhom Kronkron mu, na ɔkaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ, efiri sɛ yeinom ahinta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa. Ɔyɛ ampa, Agya, efiri sɛ ɔyɛ wo pɛ sɛ ɔba saa.


Yesu buaa sɛ, “M’ahennie mfiri wiase yi mu. Sɛ nka ofiri wiase yi mu a, nka m’asomfoɔ bɛko na bɛamfa me anhyɛ Yudafoɔ he nsa. Nso m’ahennie mfiri ha.”


Honhwɛ ho ho so yie, na honhwɛ nnipa a Honhom Kronkron he de ho ayɛ bɛ so nhwɛsofoɔ he, na honhwɛ Nyankopɔn asafo a ɔde ɔnoaa ne Ba mogyaa atɔ he so.


Menim sɛ mekɔ akyi he, mpataku bɔne bɛhyɛne ho mu a bɛɛnyɛ nwankuo he brɛbrɛ.


Na bɔne akatua a ne wuo, nso Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa a ɔya Awurade Kristo Yesu mu.


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


efiri sɛ, Nyankopɔn ne yɔ ho mu adwuma, na ɔma ho pɛ a hode yɔ n’adwuma ama asɔ n’ani.


Yei nti yɛbɔ mpaeɛ ma ho daa, sɛ yɛ Nyankopɔn bɛma hoafata ne frɛ he, na wafa tumi so ama n’ayamyɛ anidasoɔ ne gyidie adwuma aba mu,


Yei ne di Nyankopɔn atemmuo a ɔtene ho adanseɛ sɛ, bebebu ho sɛ Nyankopɔn ahennie a hohu ho amaneɛ he fata ho;


Nti esiane sɛ yɛanya ahennie a ɔnwoso yi, homma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Nyankopɔn sɛdeɛ ɔsɔ n’ani anidie ne ahodasoɔ mu,


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


Sɛ hofa saa kwane yi so a, hobenya akwannya kɛseɛ paa a hode bɛkɔ yɛ Awurade ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ahennie a otim hɔ daa he mu.


ayɔ yɛ ahemmane ne asɔfoɔ ama ne Nyankopɔn a ɔyɛ n’agya. Ɔno ne animuonyam ne tumi nka no daa daa. Amen!


Adeɛ ɔnnsa hɔ bio na nkanea anaa awia ho nhia, efiri sɛ, Awurade Nyankopɔn bɛyɛ bɛ hann na bebedi ahene daa daa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ