31 Na mmom honhwehwɛ Nyankopɔn ahennie, na bɛde yeinom nyinaa bɛka ho ho.
Nso honni kane nhwehwɛ Nyankopɔn ahennie ne ne tenenee, na ɔde yeinom nyinaa nso bɛka ho ho.
Nso, adeɛ baako pɛ ne hia. Maria deɛ, waayi nea ɔyɛ he, ɔno ne bɛnnye mfiri ne nsam.”
efiri sɛ yeinom nyinaa ne nnoɔma a amane a ɔya wiase he di akyi dendenndene, na ho Agya nim sɛ hohia saa nnoɔma yi.
Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”
Hedeɛ mmɛ ne yɛbɛka afa yeinom ho? Sɛ Nyankopɔn ya yɛ afa a, hwane ne betumi ne yɛ adi asie?
efiri sɛ honam fam mmɔdemmɔ ho hia deɛ, nso nyamesuro ho hia akwane nyinaa mu, na ɔwɔ nkwa a yɛya mu seeseiaa yi ne nkwa ɔbɛba he mu bɔhyɛ pa.
Hommma sikaniberɛ mmma ho abrabɔ mu, na homma ho ani nsɔ deɛ ho wɔ; efiri sɛ waaka sɛ, “Mennyae ho na mempo ho.”