Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 12:14 - Apam Foforɔ

14 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Beema! Hwane ne de me sii ho so temmufoɔ anaa dekyɛfoɔ?”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 12:14
11 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Afei bi firi nnipakuo he mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyadeɛ he.”


Na berɛ tiaa bi akyi he, nnipa foforɔ bi huu no kaa sɛ, “Wo nso woka bɛ ho.” Na Petro kaa sɛ. “Beema, menka bɛ ho.”


Na ohuu bɛ gyidie he, ɔkaa sɛ. “Beema, bɛde wo bɔne akyɛ wo.”


Afei berɛ a Yesu huu sɛ bɛpɛ sɛ bɛkye no si no hene he, ɔno ankasa twee ne ho kɔɔ bepɔ he so bio.


Na baa he kaa sɛ, “Me wura, daabi.” Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me nso memmu wo fɔ, kɔ na nkɔyɔ bɔne bio.”]


Ne saa nti, adasamma nni anoyie biaa, sɛnea woteeɛ biaa, woobu bi atɛne he, na woobu woaa wo ho atɛne, efiri sɛ wo a woyɛ temmufoɔ he, woyɔ ade korɔ heaa.


Nti, wo nipa, wosusu sɛ, sɛnea woteeɛ biaa, sɛ wobu bɛ a bɛyɔ saa he atɛne na wo nso woyɔ saa bi a, wobɛdwane Nyankopɔn atemmuo anaa?


Nso ampa wone hwane, o! Nipa dasani, sɛ wo ne Nyankopɔn yiyi nsɛm ano? Nti nea bɛanwono no he betumi aka akyerɛ nea ɔnwonoo no he sɛ, “Mmɛ nti ne woyɔɔ me sei?”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ