Hohwɛ a bɛ mmienu mu hwane ne yɔɔ ne papa he apɛdeɛ?” Bebuaa sɛ, “Deɛ odi kane he a.” Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, togyefoɔ ne adwamammɔfoɔ oodi ho anim kane Nyankopɔn ahennie mu,
Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.
Na sɛ gyidie nni hɔ a, biaa ntumi nsɔ Nyankopɔn ani, efiri sɛ ɔsɛ sɛ deɛ ɔba ne nkyɛne biaa gye di sɛ ɔya hɔ na ɔyɛ bɛ a bɛhwehwɛ n’akyi kwane he katuafoɔ.
Nso ho a hoya Tiatira a honni saa nkyerɛkyerɛ bɔne he akyi he, na honnsua nea afoforɔ frɛ no Satan asumansɛm he deɛ, meeka makyerɛ ho sɛ, memmfa adesoa biaa nto ho so.