49 Yei nti na Nyankopɔn nyansa nso kaa sɛ, ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ bɛ nkyɛne, na bebeku bɛ mu binom ataa binom.
binom nso kyee nkoa he, bɔɔ bɛ adapaa kukuu bɛ.
Nɔkorem he, hoyɛ ho agyanom nnwuma ho adansefoɔ, nso hofoa bɛ so, efiri sɛ yeinom ne bekuu adiyifoɔ he, na ho ne hooto bɛ nna so.
na ne dini so ne bebegyina aka adwensakra ne bɔne fakyɛ ho asɛm amansa nyinaa mu, na bɛbɛhyɛ aseɛ afiri Yerusalem.
Bɛbɛpam ho afiri hyia adane mu. Nɔkwasɛm ne sɛ, berɛ bi ɔɔba a biaa a obeku ho he bɛdwene sɛ ɔɔyɔ saa Nyankopɔn dini mu.
na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”
Saa nna he mu he, adiyifoɔ firi Yerusalem baa Antiokia.
Na berɛ a beehwie wo danseni Stefano mogyaa agu he, na m’ankasa nso megyina hɔ bi a mepenee so, na mehwɛɛ bɛ a beeku no he ntaadeɛ ngugusoɔ so.’
Na bɛteateam dendene, de bɛ nsa sisii bɛ aso, na bɛ nyinaa gyee twi kɔɔ no so.
Nso Saulo firii aseɛ tuu n’ani sii asafo he so. Owurawuraa afie mu kɔtwee mmaa ne mmeema de bɛ koguu afiase.
nso bɛ a bɛafrɛ bɛ he deɛ, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, Kristo yɛ Nyankopɔn tumi ne Nyankopɔn nyansa ma bɛ;
Nyankopɔn yɛ ho nkwa a howɔ no Kristo Yesu mu he farebae. Na Yesu Kristo yi ne bɛyɛɛ nyansadeɛ a ofiri Nyankopɔn hɔ maa yɛ he, ɔno ne tenenee ne ahoteɛ ne gyeɛ,
Akyɛdeɛ a ɔde maa yɛ he bi ne sɛ waama binom ayɛ asomafoɔ, binom nkɔmhyɛfoɔ, binom asɛmpakafoɔ, binom ahwɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ,
Ɔyɛ Kristo mu ne nyansa ne nimdeɛ ho nnepa nyinaa ahinta.
Na bɛahwie Nyankopɔn ahoteefoɔ ne adiyifoɔ mogyaa agu, nti woama bɛ mogyaa sɛ bɛ nom. Nea ɔfata bɛaa ne beenya yi.”
Soro ne ho ahoteefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, ɔno nti homma ho ani nnye ya ne ho, efiri sɛ Nyankopɔn abu no atɛne ama ho.