Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 11:4 - Apam Foforɔ

4 Na fa yɛ bɔne kyɛ yɛ, sɛnea yɛ ankasa nso yɛde akyɛ bɛ a bɛde yɛ ka. Na nnyae yɛ mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 11:4
31 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa ne m’Agya a ɔya soro he so bɛyɔ ho mu bi a wamfiri n’akoma mu amfa ankyɛ ne nua.”


Honwɛne na hommɔ mpaeɛ na hoankɔ sɔhwɛ mu; honhom he pɛ deɛ nso honam he ɔmmerɛ.”


Bio nso, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho mu hwane ne wɔ adamfoɔ a ɔbɛkɔ ne nkyɛne dasuom akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Damfo, fɛm me paanoo mmeɛnsa,


Anaa nnipa dunwɔtwe a Siloa abrosane he bu guu bɛ so kuku bɛ he, nti hosusu sɛ na bɛyɛ abɔnefoɔ kyɛne nnipa a bɛtete Yerusalem nyinaa anaa?


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɛɛne nti ne hoadeda yi? Honsɔre na hommɔ mpaeɛ, na hoankɔ nsɔhwɛ mu.”


Nea oguu abotane so he gyna hɔ ma bɛ a bɛte asɛm he a bɛde anigye gye, nso yeinom nni nhini; bɛgyidi berɛ tiaa bi mu, nso oduru sɔhwɛ berɛ a, na bɛawae.


Mensrɛ sɛ yi befiri wiase, na mmom mesrɛ sɛ bɔ bɛ ho bane firi sɛefoɔ he ho.


Nsɔhwɛ biaa nni hɔ a ato ho a bi ntoo nipa bi da. Na Nyankopɔn yɛ nɔkwafoɔ; na ɔmma bɛnsɔ ho nhwɛ ntra deɛ hobetumi, na mmom ho sɔhwɛ berɛ mu he obebie kwane ama ho, ama hoatumi agyina.


Sɛ ho mu bi wɔ asɛm tia ne yɔnko, a honkɔ so nya ho ho aboterɛ, na sɛ bi wɔ asɛm bi tia bi a, homfa nkyekyɛ ho ho sɛnea Awurade de ho bɔne akyɛ ho he, saa ara ne ho nso homfa nkyɛ.


Nso nɔkwafoɔ ne Awurade; ɔbɛhyɛ ho dene na wabɔ ho ho bane afiri sɛefoɔ he ho.


Ampa, Awurade beyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie mu. Ɔno ne animuonyam nka no daadaa. Amen.


efiri sɛ, atemmuo berɛ he, Nyankopɔn onhu biaa a wanhu afoforɔ mmɔbɔ he mmɔbɔ, nso mmɔborɔhunu di atemmuo so nkunim.


Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire.


Esiane sɛ woadi m’ahyɛdeɛ so boasetɔ mu nti, sɛ haw a ɔɔba wiase nyinaa abɛsɔ asaase so nnipa nyinaa ahwɛ he ba a, mɛgye wo afiri mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ