29 Berɛ a nnipakuo he ɔɔboaboa bɛ ho ano he, ofirii aseɛ kaa sɛ, “Awoɔ ntoatoaso yi yɛ awoɔ ntoatoasoɔ bɔne; bɛhwehwɛ nsɛnkyerɛnne. Nso bɛmma bɛ sɛnkyerɛnne biaa ka Yona nsɛnkyerɛnne he ho.
Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho ya nnɛ mma, awaresɛefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ mu he, ɔno nso ho bɛyɛ Nipa Ba he animuwo berɛ a ɔbɛba n’Agya animuonyam mu a abɔfoɔ kronkron he ka ne ho he.”
Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii he dɔɔso ama bɛakyere so ama beetiatia bɛ ho bɛ ho he, Yesu dii kane ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Honhwɛ yei Farisifoɔ mmɔreka a ɔyɛ nyaatwom he ho.
Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.