Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 11:2 - Apam Foforɔ

2 Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Berɛ biaa a hobɛbɔ mpaeɛ he, honka sɛ, “Agya, anidie nka wo dini. W’ahennie mmra.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 11:2
45 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa nti biaa a ɔbɛgye me atum nnipa anim he, me nso mɛgye no atum m’Agya a ɔya soro he anim;


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


Ne saa nti homma ho kanea nhyerɛn mma nnipa nyinaa, na bɛahu ho nnwuma pa na bɛahyɛ ho Agya a ɔya soro he animuonyam.


Na afei na Yesu ya baabi ɔɔbɔ mpaeɛ. Na owiee mpaebɔ he, n’asuafoɔ he mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛ sɛnea bɛbɔ mpaeɛ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ he.”


Me Paulo ne meetwerɛ krataa yi de abra ho, Nyankopɔn adɔfoɔ, a hoya Roma nyinaa, ho a bɛafrɛ ho sɛ hommɛyɛ ahoteefoɔ he: Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Na sɛ hoannya akoayɛ honhom a ɔbɛma ho asane akɔ hu mu bio, na mmom hoanya abayɛ honhom. Nti yetumi team sɛ, “Abba! Agya!”


Adom ne asomdwie a ofiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu hɔ nka ho.


Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Yesu Kristo a yɛ bɔne nti ɔde ne ho maeɛ sɛ ɔbɛgye yɛ afiri wiase yi bɔne mu, sɛnea Nyankopɔn a ɔyɛ yɛ Agya pɛ he teɛ,


Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka ho.


Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka ho.


Animuonyam nka yɛ Nyankopɔn ne yɛ Agya daa daa. Amen.


twerɛ krataa yi de kɔma ahoteefoɔ ne anuanom a bɛyɛ Kristo mu agyidifoɔ a bɛya Kolose. Adom ne asomdwie a ofiri yɛ Agya Nyankopɔn hɔ nka ho.


Paulo, Silwano ɔne Timoteo twerɛ krataa yi de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɔya Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu he. Adom ne asomdwie nka ho.


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Nti afei yɛ Awurade Yesu Kristo he ankasa ne yɛ Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛ na wama yɛ daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu he,


Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛne ne totorobɛnto he, na nne dendene bi firi soro kaa sɛ, “Wiase ahennie ayɛ yɛ Awurade ne ne Kristo he dea, na obedi hene daa daa.”


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm nne, ne nsuo nworosoɔ ne apranaa a ɔɔpaepae a ɔɔteam sɛ, “Haleluya! Yɛ Tumfoɔ Awurade Nyankopɔn di hene.


Afei mehuu nhennwa bi ne bɛ a bɛtete so a na bɛama bɛ tumi sɛ bemmu atɛne. Na mesane huu bɛ a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti betwitwaa bɛ ti he kra, ne bɛ a bɛankoto aboa he anaa ne honyini na bɛannye agyinaeɛ he ammɔ bɛ moma ne bɛ nsa so he. Na benyaa nkwa bio, na bɛne Kristo dii hene mfie apem.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ