13 Nti, sɛ ho a hoyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛnea hode akyɛdeɛ pa ma ho mma a, mprɛ dodoɔ sɛ ne ho Agya a ɔya soro he mfa Honhom Kronkron mma bɛ a bebisa no?”
saa ne bɛma ho ayɛ ho Agya a ɔya soro he mma; efiri sɛ ɔma awia pie abɔnefoɔ ne ateneneefoɔ so, na ɔtɔ nsuo gu ateneneefoɔ ne bɛ a bɛnnyɛ ateneneefoɔ so.
Nso sɛ Nyankopɔn fira wura a, ɔya hɔ nnɛ na kyena onni hɔ na bɛatwa ato fononoo mu ahye no, ntoma a, he deɛ ontumi mfira ho ntoma mma no mmoro so anaa, ho a ho gyidie sua?
Nɔkwasɛm di, ewom sɛ Nyankopɔn ma ne bo dwo kyɛre ma ho deɛ, nso ommu atɛntenenee mma bɛ a wayi bɛ a besu frɛ no awia ne anadwo he anaa? Nti, ɔbɛtwentwɛne ne nane ase bɛ ho anaa?
Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.
Sɛ ɔnam baakofoɔ mmarato so maa wuo faa nnipa nnommum saa kwane yi so a, mprɛ meɛhe ne bɛ a benyaa adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɔboro so he mmom ɔmmfa nipa baako, Yesu Kristo, so nya daa nkwa.
efiri sɛ, berɛ bi a atwam a na yɛ nso yennim nyansa, na yɛyɛ asoɔdenfoɔ, na yɛamane afiri kwane pa he so, na yɛyɛ nkoa ma akɔnnɔ ahodoɔ ne anigyedeɛ he, yɛde nitane ne ahoɔyeya ne bɔɔ yɛ bra, a na yɛ ho yɛ ahi, tentanee yɛ ho yɛ ho.