7 Nti hontena saa fie he mu, na honni na honnom nea bɛde bɛma ho he, efiri sɛ dwumayɔni fata sɛ onya akatua. Honntu mmfiri fie baako mu nkɔ foforɔ mu kɔpem sɛ hobewie adwuma hooyɔ kuro he mu he.
Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ hokɔ fie bi mu a, hontena hɔ nkosi sɛ hobefiri kurom hɔ.
Na sɛ nipa bi ya hɔ a ɔɔhwehwɛ asomdwie a, ho asomdwie bɛkɔ no so. Nso sɛ bi nni hɔ saa a, ho asomdwie bɛsane aba ho so.
Na fie biaa a hobɛhyɛne mu he, hontena hɔ kosi sɛ hobefiri hɔ akɔ.
Afei berɛ a yɛbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu he, ɔde nkotosrɛ kaa sɛ, “Sɛ hoahu me sɛ nɔkwafoɔ ama Awurade a, hommɛtena me fie.” Na ɔkaeɛaa ma yɛkɔɔ ne fie.
Ɔde bɛ baa fie hɔ, na ɔde aduane besisii bɛ anim, na ɔne ne fiefoɔ nyinaa dii ahurusie sɛ wabɛyɛ Nyankopɔn gyidini.
Befirii afiase he bɛkɔɔ Lidia fie. Na berɛ a bɛhyɛɛ anuanom nkurane wieeɛ he, bɛkɔeɛ.
Ɔsɛ sɛ bɛ a bɛakyerɛkyerɛ bɛ asɛm he, bɛ ne bɛ akyerɛkyerɛfoɔ he kyɛ nnepa nyinaa.
Ɔno akyi he, besua aniha, kyinkyini afie mu, na bɛnyɛ aniha nkoaa, na mmom bedi nsekuro a bɛnenam terɛterɛ keka nsɛm a ɔnsɛ sɛ bɛka.
Ɔsɛ sɛ kuani a wɔayɔ adwuma dene he ne di kane di nnɔbae he bi.