Na afei na Yesu ya baabi ɔɔbɔ mpaeɛ. Na owiee mpaebɔ he, n’asuafoɔ he mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛ sɛnea bɛbɔ mpaeɛ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ he.”
Hontɔno nnoɔma a howɔ na homfa nyɔ adɔeɛ. Honyɔ sika nkotokuo a ɔnsɛe mfa, na hompɛ agyapadeɛ a ɔya soro, baabi a akorɔmfoɔ ntumi nkowia na nwewemmoa nsɛe no,
Nti defoɔ he frɛɛ n’akoa he ka kyerɛɛ no sɛ, ‘mmɛ ne mete fa wo ho yi? Bebu wo fiehwɛ adwuma he ho akonta kyerɛ me, efiri sɛ wontumi nhwɛ fie he so bio.’
Na Abraham kaa sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ase he, wonyaa nnoɔma pa a wopɛ nyinaa, na Lasaro deɛ, ohuu amane, na afei ne wanya awerɛkyekyerɛ ne wo nso woohu amane.
Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nso aka wo adeɛ baako: kɔtɔno nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na bra bedi m’akyi.”
Honnyɔ aduane a ɔsɛe ho adwuma, na mmom honyɔ aduane a ɔtena hɔ de kɔ daa nkwam a Nipa Ba he de bɛma ho he ho adwuma, efiri sɛ, ɔno ne Agya Nyankopɔn ankasa de ne nsɔano agye no atom.”