Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 10:27 - Apam Foforɔ

27 Obuaa sɛ, “Ɔsɛ sɛ wode wo akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne wo ahoɔdene nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn, na wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 10:27
15 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Di w’agya ne wo na nni; na afei, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”


Yesu bisaa no sɛ, “Ɛɛne ne bɛatwerɛ Mmara he mu? Mmɛ ne wokenkane firii Mmara he mu?”


efiri sɛ mmaransɛm a ɔka sɛ, “Mmɔ adwamane; Nni awu; Mmɔ korɔno; Mma w’ani mmere” ne mmaransɛm foforɔ biaa, bɛde ne nyinaa abom asɛm baako yi mu, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”


Na adehyedie mu ne bɛafrɛ ho aba, me nuanom; homma ahofadie he nyɛ akwannya mma honnyɔ bɔne, na mmom ho mfa dɔ so nyɛ nkoa ma ho ho,


Apam a me ne Israel fie bɛpam di, Awurade dɛ nna he akyi he: Mede me mmara bɛhyɛ bɛ adwenem, na matwerɛ no bɛ akoma so, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛ yɛ me mane.


Sɛ hodi twerɛsɛm he mu adehye-mmara a ɔne sɛ, “Ɔsɛ sɛ wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho” he so a, hoyɔ no yie.


Me mma nkumaa, hommma yɛmmfa ano anaa kɛtrɛma kɛkɛ nnɔ, na mmom homma yɛdɔ nna adi nneyɔeɛ ne nɔkorɛ mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ