17 Na nnipa aduɔson he de anigye sane baeɛ bɛkaa sɛ, “Awurade, wo dini a yɛde yɔɔ adwuma nti ahohommɔne mpo brɛɛ bɛ ho ase maa yɛ!”
Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.
Na nsɛnkyerɛnne yeinom bedi bɛ a bɛbɛgye adi he akyi, bɛde me dini betutu ahonhommɔne, bɛbɛka kasa foforɔ.
Yeinom akyi he, Awurade yii nnipa foforɔ aduɔson somaa bɛ mmienu mmienu dii n’anim kɔɔ kuro biaa ne baabiaa a na ɔno ankasa ɔɔbɛkɔ hɔ.
Nso honnni yei ho ahurusie, sɛ ahonhom abrɛ bɛ ho ase ama ho, na mmom honni ahurusie sɛ bɛatwerɛ ho dini soro.”
na honsa mu ayarefoɔ yadeɛ, na honka nkyerɛ bɛ sɛ, ‘Nyankopɔn ahennie he abɛne ho.’
Afei Yesu frɛɛ dummienu he nyinaa maa bɛ ahoɔdene ne tumi a bɛde betutu ahonhommɔne nyinaa na bɛde bɛsa yadeɛ nso.
Asomdwie Nyankopɔn he bɛpɛkyɛ Satan ho nane ase ntɛm. Yɛ Awurade Yesu Kristo adom nka ho ho.
Sɛnea asafo he brɛ ne ho ase hyɛ Kristo ase he, saa nso ne ɔsɛ sɛ yerɛnom yɔ, adeɛ nyinaa mu, ma bɛ kununom.