10 Nso berɛ biaa a hobɛhyɛne kuro bi mu a bɛannye ho he, homfiri adi nkɔ n’atempɔno so na honka sɛ,
Sɛ bi annye ho anaa wantie ho nsɛm a, hoofiri fie anaa kurom hɔ a homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ na ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ ho apo bɛ.
‘Ho kuro yi mu mfuturo mpo a oguu yɛ nane ho he, yɛ aporoporo agu ho so. Nso, homma ɔntena ho adwene mu sɛ Nyankopɔn ahennie he abɛne.’
na honsa mu ayarefoɔ yadeɛ, na honka nkyerɛ bɛ sɛ, ‘Nyankopɔn ahennie he abɛne ho.’
Na baabiaa a nnipa annye ho he, sɛ hoofiri kuro he mu akɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ ma ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ hoapo bɛ.”
Nti Paulo ne Barnaba proproo bɛ nane ase mfuturo sɛ ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne ntia kuro mu hɔfoɔ, na bɛkɔɔ Ikonium.
Berɛ a bɛ ne no dii asie na bɛkasa tiaa no he, ɔporoporoo ne ntaadeɛ mu mfuturo kaa sɛ, “Ho mogyaa mua hoaa ho atifi. Me deɛ menni ho fɔ. Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi meekɔ amanamane mufoɔ hɔ.”