Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 1:2 - Apam Foforɔ

2 sɛnea bɛ a befiri mfitiaseɛ de bɛ ani huiɛ na bɛyɛɛ asɛm he ho asomfoɔ he de abra yɛ he nti,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 1:2
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Yesu Kristo, Nyankopɔn Ba he asɛmpa mfitiaseɛ.


Na bɛkɔɔ abɔntene kɔbɔɔ asɛm he dawuro baabiaa, na Awurade de bɛ yɔɔ adwuma na ɔde nsɛnkyerɛnne a odi akyire hyɛɛ asɛm he dene.]


Ho nso ɔsɛ sɛ hodi adanseɛ efiri sɛ ho ne me atena ase firi mfitiaseɛ he.


Na maaka yei nyinaa akyerɛ ho na saa berɛ he duru a, hoakae sɛ maaka akyerɛ ho dada. “Na manka saa nsɛm yi ankyerɛ ho mfitiaseɛ he, efiri sɛ na meya ho nkyɛne.


N’amanehunu akyi he, ɔnam adanseɛ pii so yii ne ho adi kyerɛɛ bɛ sɛ ɔte ase maa behuu no adaduannan ntam. Na ɔkaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.


na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”


Bɛkaa asɛm he ya Perge he, bebeduruu Atalia.


Afei bɛkɔfaa Frigia ne Galatia mpɔtamu efiri sɛ Honhom Kronkron he braa bɛ sɛ bɛnnka asɛm he Asia.


Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.


Afei, sɔre gyina. Na yei nti ne mama woahu me, sɛ meeyi wo sɛ somfoɔ ne adansefoɔ nea woahu ne nea mɛma woahu afa me ho nyinaa ho.


Na yɛ mmom deɛ, nea yɛate na yɛahu he, yentumi nnyae ho asɛm ka da.”


Na afei bɛ a bɛabɔ ahwete he kyinii asaase he so pae mu kaa asɛmpa he.


sɛ mɛnyɛ Kristo somfoɔ mma Amanamane mufoɔ sɛ Nyankopɔn asɛmpa he ho asɔfodwuma, na Amanamane mufoɔ afɔrebɔ ayɛ nea Honhom Kronkron ate ho a ɔsɔ ani.


Saa ne yɛ nso, hommu yɛ sɛ Kristo asomfoɔ ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛsofoɔ.


sɛ yɛpo nkwagyeɛ kɛseɛ yi a, nti yebetumi adwane afiri atemmuo mu anaa? Saa asɛm yi ne Awurade firii aseɛ kaeɛ he. Na bɛ a bɛteeɛ he hyɛɛ mu kena maa yɛ,


Me a meyɛ asafo panyini he, metu asafo he mu mpanyimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu he ho dansefoɔ nti n’animuonyam a ɔbɛba he bɛka me.


Ɔnyɛ anansesɛm a bɛanwene ne yɛto kyerɛɛ ho berɛ a yɛkaa yɛ Awurade Yesu Kristo tumi ne ne ba he ho asɛm kyerɛɛ ho he, na mmom yɛde yɛ ani kann huiɛ n’animuonyam, na ɔno ho ne yedii adanseɛ kyerɛɛ ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ