19 Bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Mene Gabriel, Nyankopɔn somfo a wasoma me sɛ me ne wo mmɛkasa na menka nnoɔma yi ho asɛmpa nkyerɛ wo.
“Honhwɛ yie na hoammu nketewa yi baako mpo animtia; meeka akyerɛ ho, soro hɔ, bɛ abɔfoɔ hwɛ m’Agya a ɔya soro he anim daa.
Hwɛ! Wobɛtɔre mum, wontumi nkasa kosi da a yeinom bɛba mu, efiri sɛ, woannye me nsɛm a ɔbɛba mu berɛ a bɛahyɛ mu he anni.”
Na Elisabet anyinsɛne mu bosome a ɔtoɔ so nsia he, Nyankopɔn somaa bɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea kuro a bɛfrɛ no Nasaret mu,
Na bɔfoɔ he ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro, hwɛ, mede asɛmpa a ɔfa anigyeɛ pii a nnipa nyinaa benya he ho ɔɔbra ho,
Nti, honwɛne, na honsrɛ berɛ nyinaa na hoatumi agyina nnoɔma a otwa sɛ osisi yi nyinaa ano, na hoatumi agyina Nipa Ba he anim akokoɔduro so.”
Esiane sɛ yɛwɔ sɔfopanyini kɛseɛ a waforo akɔ soro, Yesu a ɔyɛ Nyankopɔn Ba he nti, homma yɛnsɔ yɛ gyidie asɛm a yɛpae mu ka he mu,