2 Hommmu ho ani ngu ahɔhoyɛ so. Na binom nam ahɔhoyɛ so yɔɔ abɔfoɔ papa a na bennim sɛ bɛyɛ abɔfoɔ mpo.
efiri sɛ kɔm dee me na homaa me aduane diiɛ, nsukɔm dee me na homaa me nsuo nomeeɛ, meyɛɛ hɔhoɔ na hode me kɔɔ fie,
Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’
meyɛɛ hɔhoɔ nso hoamfa me ankɔ fie, medaa adagya nso hoamfira me ntoma, meyareeɛ na mekɔdaa afiase nso hoammɛsra me.’
Afei berɛ a yɛbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu he, ɔde nkotosrɛ kaa sɛ, “Sɛ hoahu me sɛ nɔkwafoɔ ama Awurade a, hommɛtena me fie.” Na ɔkaeɛaa ma yɛkɔɔ ne fie.
Hommoa ahoteefoɔ ma bɛ nsa nka bɛ ahiadeɛ; homma ho ani nye ahɔhoyɛ ho.
Gaio a ɔyɛ me ne asafo he nyinaa fiewura nso kyea ho. Erasto, kurom ha sikakorafoɔ, ne yɛ nua beema Kwarto nso kyea ho.
Ɔsɛ sɛ asafo so hwɛfoɔ yɛ bi a onni dimmɔne biaa, ne yerɛ baako, n’ani da hɔ, ɔyɛ nyansafoɔ, ɔyɛ bi a biaa ma anidie, ɔpɛ ahɔhoyɛ, onim nkyerɛkyerɛ,
ɔsɛ sɛ bedi ne ho adanse-pa, sɛ ɔyɛ bi a watete mmɔfra, ayɔ ahɔhoyɛ, asom agyidifoɔ he ahobrɛaseɛ mu (ahohoro ahoteefoɔ he nane ase), aboa bɛ a bɛwɔ amaneɛ mu, na ɔde ne ho ama papayɔ adeɛ nyinaa mu.
na mmom ɔsɛ sɛ asafo hwɛfoɔ yɛ bi a ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papayɔ, n’adwene mu da hɔ, ɔtene, ne ho te, na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.
Honyɔ ahɔhoyɛ a anwiinwii biaa nni mu.
Me dɔfo pa, wodi nɔkorɛ yie adwuma a woyɔ ma anuanom, ahɔhoɔ mpo.