Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Galatifoɔ 5:3 - Apam Foforɔ

3 Medi adanseɛ bio sɛ, ɔsɛ sɛ nea ɔma betwa no twetia de hwehwɛ Nyankopɔn anim bembuo he di mmara a aka he nyinaa nso so.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Galatifoɔ 5:3
19 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ, honnue! Ho a hoka sɛ, ‘Sɛ bi de hyiadane ka ntam a, ntam he nyɛ hwee, na mmom sɛ bi de hyiadane mu hɔ sikakɔkɔɔ ka ntam a ntam he kyekyere no.’


Na hoka sɛ, ‘Deɛ ɔde afɔrebokyia ka ntam he, hwee nkyekyere no, nso biaa a ɔde akyɛdeɛ a ɔda afɔrebokyia he so ka ntam he, ntam he kyekyere no.’


na mewɔ anuanom nnum, na onkodi adanseɛ nkyerɛ bɛ, na ɔmmɔ bɛ kɔkɔ na bɛamma saa ahoyera yi mu bi.’


Afei nnipa binom baa Yudea a na bɛɛkyerɛkyerɛ sɛ, “Sɛ bɛantwa wo twetia sɛnea Mose mmara he ka he a, wontumi nya nkwa.”


Na ɔde nsɛm foforɔ pii dii adanseɛ, na otuu bɛ fo sɛ, “Homma bɛnnye ho mfiri awoɔ ntoatoasoɔ porɔeɛ yi mu.”


Na mmom medii Nyankopɔn fam adwensakra ne yɛ Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa.


Na mmom sɛ wodi mmara he so a twetiatwa ho hia; nso sɛ wobu mmara he so a wo twetiatwa he dane bɛyɛ te sɛnea wontwaa twetia.


Biaa a ɔde ne ho to mmara nnwuma he so he hyɛ nnome ase; efiri sɛ bɛatwerɛ sɛ, “Nnomee ne nipa biaa a onni nea bɛatwerɛ no mmara nwoma mu he nyinaa so na ɔmfa nni dwuma.”


Hontie! Me, Paulo, ne meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ homa betwa ho twetia a, Kristo ho ɔmma mfasoɔ mma ho.


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


Na afei nea meeka na madi ho adanseɛ Awurade mu ne sɛ ɔnsɛ sɛ hobɔ ho bra bio sɛ amanamane mufoɔ a bɛaka a bɛnante bɛ adwene hunu mu he.


sɛ biaa nyɔ ne nua bɔne anaa onsisi no asɛm yi mu, efiri sɛ Awurade yɛ katuafoɔ nnoɔma yeinom nyinaa mu, sɛnea yɛadi kane aka akyerɛ ho anibereɛ so he.


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ