Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Galatifoɔ 3:2 - Apam Foforɔ

2 Adeɛ baako pɛ ne mepɛ sɛ mehu firi ho hɔ, ɔne sɛ: ɔnam honam mmara nwuma so ne honyaa Honhom he anaa ɔnam asɛm a hoteeɛ na hogye diiɛ so?

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Galatifoɔ 3:2
19 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Nyankopɔn a onim akoma mu he maa bɛ Honhom Kronkron sɛnea ɔde maa yɛ heaa sɛ ɔnyɛ adansedie sɛ waagye bɛ atom.


Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.


Bɛ mmienu he kɔbɔɔ mpaeɛ maa bɛ sɛ bɛ benya Honhom Kronkron he


Na asɛmpa he mu ne Nyankopɔn tenenee da adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu; sɛnea bɛatwerɛ sɛ, “Nea ɔtene he nam gyidie so ne benya nkwa.”


Bɛ a benni mmara he meyɛɛ me ho sɛ menni mmara he ase maa bɛ (ɔnyɛ sɛ menni mmara Nyankopɔn anim, nɔkwasɛm ne sɛ, mehyɛ Kristo mmara ase) sɛdeɛ ɔbɛyɔ a mɛgye bɛ a benni mmara he.


Na sɛ bi bɛpae mu ka Yesu foforɔ a ɔnyɛ nea yɛkaa ne ho asɛm he ho asɛm kyerɛ ho a, anaa sɛ hogye honhom foforɔ bi a ɔnyɛ nea hogyeeɛ he a, anaa sɛ hogye asɛmpa foforɔ a ɔnyɛ nea hoagye he a, hedeɛ na hoagye no ntɛm dodo.


sɛnea ɔbɛyɛ a Abraham nhyira bɛba Amanamane mufoɔ so Kristo Yesu mu, nti yɛnam gyidie so benya Honhom a bɛde ahyɛ yɛ bɔ he.


Nti honnwene koraa saa? Hode Honhom hyɛɛ aseɛ, afei deɛ hode honam ne oowie?


Hedeɛ ɔnam mmara nnwuma a hoyɔeɛ so ne Nyankopɔn maa ho Honhom he na ɔyɔɔ nsɛnkyerɛnne ho mu, anaa ɔnam asɛm a hoteeɛ na hogye diiɛ so?


berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.


na bɛaka asɛmpa he akyerɛ yɛ sɛnea bɛka kyerɛɛ bɛ heaa; nso bɛannya mfasoɔ asɛm a bɛka kyerɛɛ bɛ he mu, efiri sɛ bɛ a bɛteeɛ he amfa gyidie annye.


Na ontumi mma sɛ, bɛ a bɛahu hann he, na bɛaka soro ahennie akyɛdeɛ he ahwɛ, na bɛanya kyɛfa Honhom Kronkron mu,


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ