2 ne anuanom a bɛka me ho nyinaa, twerɛ krataa yi de kɔma asafo ahodoɔ a bɛya Galatia.
Na ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyehyɛɛ asafo ahodoɔ he dene.
Berɛ a ɔtenaa hɔ kakra he, ofirii hɔ tutuu akwane faa Galatia ne Frigia nsaase so hyehyɛɛ asuafoɔ he nyinaa dene.
Saa berɛ heaa mu asafo a ɔyeya Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwie, na bɛyɛɛ nam. Na bere a bɛde Awurade suro ne Honhom Kronkron he awerekyekyerɛ nanteeɛ he, bɛkɔɔ so dɔreeɛ.
Na afei ɔfa toɔ a bɛgye ma ahoteefoɔ he ho deɛ, honni nhyehyɛeɛ a mede maa Galatia asafo ahodoɔ he.
O, Galatifoɔ a hoyɛ adwenharefoɔ! Hwane ne adaadaa ho saa. Ho ampa ara a bɛde Yesu Kristo a bɛbɔɔ no asennuam agyina ho anim akyerɛ pefee paa di!
Na Timoteo mudie deɛ, honim, sɛdeɛ ɔne me asom asɛmpa adwuma he mu sɛ agya ne ne ba.
Honkyea ahoteefoɔ he nyinaa mma me Kristo Yesu mu. Anuanom a bɛka me ho he kyea ho.