7 Nɔkwasɛm di, me nua, ɔnam wo dɔ so ama manya anigye ne awerɛkyekyerɛ, efiri sɛ, woama ahoteefoɔ he, bɛ akoma atɔ bɛ yam.
Na bɛmaa me honhom ne ho honhom ho dwodwoo bɛ. Nti honnye saa nnipa he ntom.
Yei mu ne yenya awerɛkyekyerɛ. Na yɛ awerɛkyekyerɛ he maa yɛ ani gye boroo so, ɔnam Tito anigyeɛ he nti, efiri sɛ ho nyinaa homaa n’akoma tɔɔ ne yam.
Mede ho hoahoa me ho, mewɔ ahotɔsoɔ pii ya ho mu; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma; na m’ani gye boro so yɛ ahohia nyinaa mu mpo.
kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.
Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu.
Na hwane ne yɛ anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛ Awurade Yesu Kristo anim ya ne ba he mu, ho nso, honni mu bi anaa?
Mmɛ aseda ne yɛde bɛma Nyankopɔn ya anigyeɛ deɛ ho nti yɛanya no ne mu he?
Awurade nhu Onesiforo fie mmɔbɔ, efiri sɛ na ɔtaa ma me ho tɔ me, na n’ani nwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho;
Oo me nua, ampa, ma menya mfasoɔ mfiri wo hɔ Awurade mu! Ma m’akoma ntɔ me yam Kristo mu.
M’ani agye kɛse sɛ mahu sɛ wo mma he bi nam nɔkorɛ he mu sɛnea Agya he ahyɛ yɛ heaa.