Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Filemon 1:17 - Apam Foforɔ

17 Nti sɛ wobu me sɛ wo yɔnko dwumayɔni deɛ a, gye no fɛ so sɛdeɛ nka wobɛgye me he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Filemon 1:17
17 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Biaa a ɔgye ho he gye me, na deɛ ɔgye me he gye deɛ ɔsomaa me he nso.


“Deɛ ɔgye abɔfra a ɔte sei baako me dini mu he, ɔgye me.


Na hene bebua bɛ sɛ, ‘Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoyɔ maa me nuanom nkumaa yi mu baako he, hoayɔ ama me nso.’


Afei berɛ a yɛbɔɔ ɔne ne fiefoɔ asu he, ɔde nkotosrɛ kaa sɛ, “Sɛ hoahu me sɛ nɔkwafoɔ ama Awurade a, hommɛtena me fie.” Na ɔkaeɛaa ma yɛkɔɔ ne fie.


Na Tito deɛ, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɔni ma ho; yɛ nuanom deɛ, bɛyɛ asafo hodoɔ, Kristo animuonyam he asomafoɔ.


ɔne sɛ, Amanamane mufoɔ he abɛyɛ adedifoɔ te sɛ yɛ, nipadua korɔ heaa ho akwaa, na bɛnam asɛmpa he so anya bɔhyɛ he mu kyɛfa Kristo Yesu mu.


Ɔyɛ sɛ mɛdwene saa afa ho nyinaa ho ho, efiri sɛ hoda m’akoma so, na ho nyinaa ho ne me kyɛ Nyankopɔn adom he, m’afiase mpokyerɛ ne asɛmpa he ho anoyie ne ne denhyɛ berɛ mu.


Na mma bɛ a bɛwɔ awuranom gyidifoɔ mmmu bɛ animtia sɛ bɛyɛ anuanom nti, na mmom bɛnsom bɛ yie, efiri sɛ bɛ a bɛsom bɛ he yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ. Yeinom ne kyerɛkyerɛ, na tu ho fo.


ama m’abɔfra Onesimo a mabɛyɛ n’agya m’afiase mpokyerɛ yi mu.


Meesoma no ama no asane aba wo nkyɛne bio, ɔyɛ nipa a ɔda m’akoma so paa.


Sɛ waafom wo kwane bi so a, anaa sɛ ɔde wo ka bi a, bu gu me so, na me ankasa metua.


Nti, me nuanom ahoteefoɔ a ho nso hoanya soro frɛ he, honhu sɛ Yesu ne yɛ yɛ gyidie he mu Somafoɔ ne Sɔfo panyini.


Nso gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yedii kane nyaeɛ he mu pintinn kosi awieeɛ, ansa na yɛanya kyɛfa Yesu mu ankasa.


Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?


Me a meyɛ asafo panyini he, metu asafo he mu mpanyimfoɔ fo sɛ, meyɛ Kristo amanehunu he ho dansefoɔ nti n’animuonyam a ɔbɛba he bɛka me.


nea yɛahu na yɛate he ne yɛɛka akyerɛ ho nso, sɛnea ɔbɛyɛ a ho ne yɛ benya ayɔnkofa. Bio nso saa ayɔnkofa yi ya yɛne Agya he ne ne Ba Yesu Kristo ntam.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ