Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 6:9 - Apam Foforɔ

9 Saa ne awuranom nso honyɔ mma ho nkoa. Honnyae bɛ ahunahuna, na honhu sɛ ho nyinaa howɔ Wura baako ya soro; na nyiyimu biaa nni ne mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 6:9
40 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nti nkoa he te sii mmɔntene so na bɛboaboa bɛ a behuu bɛ nyinaa ano, nnipa pa ne nnipa bɔne; yei maa ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayefohyia apontoɔ dane he ma.


Na ɔka kyerɛɛ ne nkoa he sɛ, ‘Bɛasiesie ayefohyia apontoɔ he awie, nso bɛ a bɛtoo nsa frɛ bɛ he, amfata bɛ.


Nso sɛ akoa timɔdenfoɔ he ka no ne tim sɛ, ‘Me wura akyɛre,’


Obetwitwa ne mu na ɔde no aka nyaatwomfoɔ ho ya baabi a suu ne setwerɛ ya.


Nti adeɛ biaa a hopɛ sɛ nnipa yɔ ma ho he, honyɔ saa mma bɛ; na yei ne nea mmara he ne adiyifoɔ he ka.


“Afei nso, sɛnea hopɛ sɛ nnipa yɛ ma ho he, honyɔ saa mma afoforɔ nso.


Hofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na ɔyɛ ne kwane so sɛ hoka saa, efiri sɛ meyɛ saa.


Na Petro biee n’ano kaa sɛ, “Nɔkwasɛm di, maahu sɛ Nyankopɔn nyɛ nyiyimu,


twerɛ krataa yi de kɔma Nyankopɔn asafo a ɔya Korinto, ɔne bɛ a Nyankopɔn ate bɛ ho Kristo Yesu mu na wafrɛ bɛ sɛ bɛmmɛyɛ ahoteefoɔ, ɔne bɛ a bɛbɔ yɛ ne ho nyinaa Awurade Yesu Kristo dini baabiaa.


Nipa a bɛfrɛɛ no Awurade mu he na ɔyɛ akoa he, waade ne ho a ɔyɛ Awurade dea, saa ara nso ne nea bɛfrɛ no he na ɔde ne ho he nso abɛyɛ akoa ama Kristo.


Na debɔnyɛni benya ne bɔne so akatua, na Nyankopɔn anim deɛ, ntɛnkyea biaa nni hɔ.


Awuranom, ho ne ho nkoa nni no yie sɛnea ɔsɛ, efiri sɛ honim sɛ ho nso howɔ Wura bi ya soro.


efiri sɛ, atemmuo berɛ he, Nyankopɔn onhu biaa a wanhu afoforɔ mmɔbɔ he mmɔbɔ, nso mmɔborɔhunu di atemmuo so nkunim.


Sɛ hodi twerɛsɛm he mu adehye-mmara a ɔne sɛ, “Ɔsɛ sɛ wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho” he so a, hoyɔ no yie.


Hontie! Apaafoɔ a bɛyɔɔ ho afuom adwuma a hosisii bɛ faa bɛ akatua he ɔɔteam gu ho so, na Awurade a ɔya soro he aso ate atwafoɔ a betwaa ho nnɔbae he nteamu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ