Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 6:8 - Apam Foforɔ

8 Na honim sɛ papa biaa a yɛyɔ he, nkoa oo, adehyeɛ oo, yebenya ho akatua afiri Awurade hɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 6:8
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Nipa biaa mmɔ yɛ paa nti a.’ Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, ‘Ho nso honkɔ bobe turo mu hɔ.’


Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he.


“Honhwɛ yie na hoannyɔ ho tenenee nnipa anim sɛ bebehu ho; sɛ hoyɔ saa a hoonnya akatua ho Agya a ɔya soro he hɔ.


saa nti w’adɔeɛ he bɛyɛ kokoam adeɛ; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka (badwam).


na wobenya nhyira, efiri sɛ bɛ deɛ benni bibiaa a bɛde betua wo so ka. Na wobenya akatua ateneneefoɔ wusɔreɛ he mu.”


Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.


Na Honhom baako mu ne bɛbɔɔ yɛ asu kɔɔ nnipadua baako mu, Yudafoɔ oo, Helafoɔ oo, nkoa oo, adehyeɛ oo—na bɛmaa yɛ nyinaa nomm Honhom baako.


Na ɔsɛ sɛ yɛ nyinaa yɛkogyina Kristo atemmuo adwa he anim, na biaa anya n’akatua nea ɔde ne nnipadua yɔɔeɛ ho, sɛ ɔyɛ papa anaa bɔne.


Nsonsonoeɛ nni Yudani anaa Helani, akoa anaa dehyeɛ, baa anaa beema ntam bio, efiri sɛ, ho nyinaa yɛ baako Kristo mu.


Yei nti Helani ne Yudani, nea bɛatwa no twetia ne nea bentwaa no twetia, pɔtɔni, Skiteni, akoa anaa dehyeɛ nni saa foforɔyɛ he mu, na Kristo ne ade nyinaa, na ɔya bɛ nyinaa bɛ mu.


Na honim sɛ Awurade nkyɛne ne hobenya agyapadeɛ sɛ ho akatua; na honhu sɛ Awurade Kristo ne ho som no.


Na debɔnyɛni benya ne bɔne so akatua, na Nyankopɔn anim deɛ, ntɛnkyea biaa nni hɔ.


Nti honnto ho nnamyɛ a ɔma akatua kɛseɛ he ntwene;


Obuu amaneɛ a Kristo nti obehu he kyɛnee Misraim ahonyadeɛ, efiri sɛ na ɔɔhwɛ akatua a ɔda n’anim he kwane.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ