1 Mma, honyɔ setie mma ho awofoɔ, Awurade mu na yei ne tene.
Na ɔne bɛ kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ bɛ ase. Ne maame nso de nsɛm yi nyinaa siee n’akoma mu.
Na homfa wiase nhyehyɛeɛ yi so, na mmom honsakra ho adwene na honyɛ foforɔ, na hoasɛ ahwɛ ahu nea Nyankopɔn pɛ a ɔyɛ na ɔsɔ ani na odi mu.
sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛgye no Awurade mu sɛ anidie a ɔfata ahoteefoɔ, na hommoa no nea obebisa ho nyinaa ho, efiri sɛ waboa nnipa bebree a meaa nso meka ho bi.
Nti mmara he yɛ kronkron, na mmaransɛm he yɛ kronkron, ɔtene na ɔyɛ papa nso.
Nti anuanom adɔfoɔ, hontintim, honnhinhim, honkɔ so Awurade adwuma mu daa, efiri sɛ, honim sɛ, ho brɛ ɔnyɛ kwa Awurade mu.
Sɛ kunani baa bi wɔ mma anaa nanaanom a, benni kane nsua nyamesom pa bɛ fie mu na bentua bibi mma bɛ awofoɔ; na yei ne sɔ Nyankopɔn ani.
Hommrɛ ho ho ase Awurade dini mu mma nnipa nhyehyɛeɛ nyinaa, sɛ ɔyɛ hempɔno