Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 5:9 - Apam Foforɔ

9 na hann aba da adi papa ne tenenee ne nea ɔyɛ nɔkorɛ nyinaa mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 5:9
18 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Berɛ a Yesu huu sɛ Natanael ɔɔba he, ɔka kyerɛ no sɛ, “Hwɛ! Israelni ankasa a nnaadaa biaa nni ne mu di!”


Me ankasa mewɔ awerɛhyɛmu ma ho, me nuanom, ho ankasa hoayɛ ma nnepa a ɔyɛ nyinaa mu, nimdeɛ nyinaa ahyɛ ho ma, na hotumi kyerɛkyerɛ ho ho.


Anaa wobu N’ayamyɛ pii a ɔno ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre he animtia? Wonnim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ botae ne sɛ ɔde wo bɛkɔ adwensakram?


Na mmom, homma yenni nɔkorɛ, dɔ mu, na yɛnyini akwane nyinaa mu, Kristo a ɔno ne asafo he ti he mu,


Ne saa nti, honnyi atorɔ mfiri ho akwane mu, homma yɛ nyinaa ni nɔkorɛ mma yɛ yɔnkonom, efiri sɛ yɛyɛ yɛ ho yɛ ho akwaa.


Ne saa nti honnyina hɔ, na homfa nɔkorɛ mmɔ ho asene sɛ abɔsoɔ, na honhyɛ tenenee sɛ nkataboɔ.


na tenenee aba a ɔnam Yesu Kristo so ba he ahyɛ ho ma ama Nyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.


Ayerenom, hommrɛ ho ho ase mma ho kununom, Awurade mu; na saa ne Awurade ɔɔhwehwɛ.


Na wo, Nyankopɔn nnipa deɛ, po yeinom nyinaa; hwehwɛ tenenee, nyamesom-pa, gyidie, dɔ, yokoduru ne dwoɔ akyi kwane.


Na Ba he deɛ, nea ɔka faa ne ho ne sɛ, “O Nyankopɔn, w’ahennie tim hɔ daa, na w’ahennie poma yɛ tenenee poma.


yeinom ne nam gyidie so dii ahennie so nkunim, hwɛɛ sɛ atɛntenenee bɛyɔ adwuma, bɛ nsa kaa bɔhyɛ, mmua gyata ano,


Sɛ honim sɛ ɔyɛ teneneeni a, honhu sɛ biaa a ɔyɔ ade tenenee he, Nyankopɔn ne awo no.


Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ