anibereɛ, nsaboro, agobɔne ne nnoɔma a ɔtete saa. Meebɔ ho kɔkɔ, sɛnea madi kane abɔ ho kɔkɔ he; sɛ bɛ a bɛyɔ saa nnoɔma yi, bennya Nyankopɔn ahennie he.
Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.
Nnipa a bɛanya bɛ ho wiase yi mu he, hyɛ bɛ sɛ mma bɛnnwene akokurokosɛm, saa nso ne bɛmmfa bɛ ho nto ahonyadeɛ a onni hɔ daa so, na mmom bɛmfa bɛ ho nto Nyankopɔn a ɔma yɛ nea yɛpɛ nyinaa ma ɔdɔɔso he so.
Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”