Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma ho ani nna hɔ na honhwɛ yie anibereɛ nyinaa ho, efiri sɛ, sɛ nipa nya ne ho ma obu so mpo a, ɔnyɛ nnoɔma a ɔwɔ he mu ne ne obenya ne nkwa.”
Na amumuyɔ: bɔne, anibereɛ ne nitane nyinaa bi hyɛɛ bɛ ma. Bɔne bi te sɛ: ahoɔyeyaa, awudie, apereapereɛ, ntɔkwa, torɔ, nnaadaa ne nkontompo hyɛɛ bɛ ma, bɛyɛɛ nsekurofoɔ,
sɛnea ɔbɛyɛ a hobɛgye no Awurade mu sɛ anidie a ɔfata ahoteefoɔ, na hommoa no nea obebisa ho nyinaa ho, efiri sɛ waboa nnipa bebree a meaa nso meka ho bi.
Hommfa ho nipadua mma bɔne sɛ akodeɛ amumuyɔ kwane so, na mmom homfa ho ho ma Nyankopɔn sɛ bɛ a bɛagye bɛ afiri wuom aba nkwa mu, na homfa ho ho ma sɛ tenenee akodeɛ.
“Aduane ya hɔ ma yafunu, na yafunu nso ya hɔ ma aduane dea,” na Nyankopɔn bɛsɛe ne nyinaa. Nipadua nni hɔ ma adwamammɔ, na mmom ɔya hɔ ma Awurade, na Awurade nso ya hɔ ma nipadua he.
Mesuro sɛ sɛ meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase ya ho anim, na magyam ho mu dodoɔ a hoayɔ bɔne na hoansakra ho adwene, ne adwamammɔ ne akohwisɛm nea bɛadi he ho.
Deɛ ɔsɛ ho ne sɛ, hobɛbɔ ho bra ama no afata Kristo asɛmpa he, na sɛ meba behu ho oo, sɛ mamma oo, mate sɛ hogyina pintinn honhom korɔ mu, a hode adwene korɔ, na biaa ɔɔyɔ ne fam deɛ ama asɛmpa gyidie he,
Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.
esiane sɛ bɛkyerɛkyerɛ nea onni ho kwane sɛ bɛkyerɛkyerɛ, de ɔɔpɛ mfasoɔ hunu de ɔɔdane anuanom adwene ani afiri nɔkorɛ he ho nti, ɔsɛ sɛ wosi bɛ kwane na bɛankyerɛkyerɛ.
Na ɔsɛ sɛ asafo mu hwɛfoɔ yɛ bi a biaa onnya ne ho asɛm nka sɛ Nyankopɔn fie so hwɛsofoɔ. Ɔnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, bi a ne bo fu ntɛm, bi a ɔyɛ nsadweam, bi a ɔyɛ pupopupo anaa bi a ɔde adufudeɛ pɛ mfasoɔ;
Saa ara nso ne mmerewafoɔ he nso, kasa kyerɛ bɛ sɛ bɛma buo nna adi bɛ abrabɔ mu, bennni nsekuro na bɛmma nsa nso mfa bɛ nommum; ɔsɛ sɛ bɛkyerɛkyerɛ nea ɔyɛ,
Honyɛne nnwankuo a Nyankopɔn de bɛ ahyɛ ho nsa he, na honnyɔ no nhyɛ so, na mmom honyɔ no dɔ mu, sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ; ɔnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma pa mu.
ne titire he, bɛ a bedi bɛ honam akɔnnɔ akyi na bebu Nyankopɔn tumi he animtia. Saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi yɛ aniɔdenfoɔ ne ahopɛfoɔ, bensuro sɛ bɛbɛkasa atia animuonyamfoɔ henom.
Saa atorɔ adiyifoɔ yi nam bɛ adufudepɛ so bɛka nnaadaasɛm akyerɛ ho de apɛ ho ho mfasoɔ. Na bɛ deɛ bɛ atemmuo a ɔya hɔ firi teteete he ntwentwɛne ase, saa nso ne bɛ sɛefoɔ he nso gyina bɛ aboboa ano pɛɛ.
Nso nsɛm kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi ya wo mu a bedi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi. Saa Bileam he ne kyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ bɛ adwamammɔ, nam so ma bɛyɔɔ bɔne he.
Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”