Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nea woadware he nhia sɛ ɔbɛhohoro bio, na mmom ohia sɛ ohohoro ne nane ase, efiri sɛ, ne ho nyinaa afiri. Ho ho afiri nso ɔnyɛ ho nyinaa.”
na woabie bɛ ani, adane bɛ afiri sum mu aba hann mu, na bɛafiri Satan tumi mu aba Nyankopɔn nkyɛne, na bɛanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ bɛ a bɛnam me mu gyidie so ate bɛ ho mu.’
Na ninkunu a metwe ya ho ho he, metwe no Nyankopɔn mu. Efiri sɛ maahyɛ bɔ sɛ mede ho bɛma agye beema baako awadeɛ, na mede ho ama Kristo sɛ babunu bi a fi nka no da.
Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.
homma yɛmfa akoma a mu yɛ fann a gyidie mu ahotɔsoɔ ahyɛ no ma, akoma a bɛapete ho ate ho afiri ahonim bɔne ho ne yɛ nipadua a bɛde nsuo a ho te adware he ntwe mmɛne no.
Mmɛ asotwe koraa ne ɔboro so a hosusu sɛ ɔfata sɛ bɛde bɛtwe bɛ a bɛde Nyankopɔn Ba he anim atwitwi fam na bɛabu apam mogyaa a bɛde tee bɛ ho he animtia, na bɛasopa adom Honhom he?
Nɔkwasɛm di, nkwa na ahoɔdene ya Nyankopɔn asɛm mu, ano ɔnam sene sekane anofanu biaa, otumi hwire bibiaa mu koduru sɛ ɔpaepae kra firi honhom ho, akwaa firi kyim ho; na otumi bu adwene ne akoma mu nsusuiɛ atɛne.
ɔbɛyɛ dɛ ne Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ho nni dɛm maa Nyankopɔn he mogyaa ontumi nte ho ahonim ho mfiri nnwuma funu nyinaa mu ma ho nkɔsom Nyankopɔn a ɔte ase he?
Ɔnam Agya Nyankopɔn botaeɛ so ne beyii ho, na ɔnam ne Honhom so tee ho ho sɛ honyɔ setie mma Yesu Kristo na ɔnam so ama ne mogyaa he ate ho ho. Adom ne asomdwie mmorosoɔ nka ho.
Ɔno na afei ne nsɛso a ɔno ne asubɔ he, gye ho nso nkwa, a ɔnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɔyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ.