24 Sɛnea asafo he brɛ ne ho ase hyɛ Kristo ase he, saa nso ne ɔsɛ sɛ yerɛnom yɔ, adeɛ nyinaa mu, ma bɛ kununom.
Na nnipa aduɔson he de anigye sane baeɛ bɛkaa sɛ, “Awurade, wo dini a yɛde yɔɔ adwuma nti ahohommɔne mpo brɛɛ bɛ ho ase maa yɛ!”
Na kunu yɛ yere ti sɛnea Kristo nso yɛ asafo he ti he, asafo a ɔyɛ ne nipadua na ɔno ankasa nso yɛ asafo he Agyenkwa.
Kununom, honnɔ ho yerɛnom, sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo he na ɔde ne ho too hɔ maa asafo he,
Nti ho mu biaa nnɔ ne yerɛ sɛ ɔno ankasa ne ho, na yerɛ nya buo kɛseɛ ma ne kunu.
Mmɔfra, honyɔ setie mma ho awofoɔ ade nyinaa mu, na yei ne sɔ Awurade ani.
Nkoa, honyɔ setie mma ho asaase so wuranom adeɛ nyinaa mu, ɔnyɛ anisoɔ som mu sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom akoma pa mu a ɔkyerɛ sɛ hosuro Awurade.
Na bibiaa mu he, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛsoɔ, nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animuduro,
Kasakyerɛ nkoa sɛ bɛmmrɛbrɛ bɛ ho ase ma bɛ wuranom na bɛasɔ bɛ wuranom ani adeɛ nyinaa mu; bennyiyi bɛ wuranom nsɛm ano,