Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 4:18 - Apam Foforɔ

18 Bɛ adwene aduru sum, bɛmmɛne Nyankopɔn nkwa he ho, efiri sɛ, benni ho nimdeɛ ɔnam bɛ akoma pirim nti;

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 4:18
34 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Efiri sɛ mane he akoma apirim, na bɛ asom oduru sɛ bɛbɛte, na bɛakata bɛ ani; sɛ ɔbɛyɛ a bɛmfa bɛ ani mpo nhwɛ, na bɛmfa bɛ aso nso ntie, na bɛamfa bɛ akoma ante aseɛ ama bɛanane bɛ ho, na masa bɛ yadeɛ.’


Na ɔde abufuo hwɛɛ bɛ nyinaa hyiaeɛ; na ne werɛ hoeɛ bɛ akoma dene he nti, na ɔka kyerɛɛ beema he sɛ, “Tene wo nsa.” Ɔteneeɛ, na ahoɔdene baa ne nsa he mu bio.


“Wafira bɛ ani na waama bɛ akoma ayɛ dene, sɛnea ɔbɛyɛ na bɛmmfa bɛ ani nnhu, na bɛ akoma ante aseɛ na bɛansakra na mansa bɛ yadeɛ.”


Nyankopɔn buu n’ani guu mmerɛ a na bennim hwee he so, nso afei ɔɔka akyerɛ adasamma a bɛya mmaa nyinaa sɛ biaa nsakra n’adwene,


“Afei anuanom, menim sɛ nim a honnim nti ne hoyɔɔ sɛnea ho atumfoɔ yɔɔeɛ he.


Na esiane sɛ bɛammu Nyankopɔn nti, Nyankopɔn gyae bɛ maa adwene a ɔmfata na bɛyɔɔ nnoɔma hunu a ɔnsɛ sɛ bɛyɔ koraa.


Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.


Afei mmɛ bio? Israel nsa anka nea ɔɔhwehwɛ he. Bɛ a bɛayi bɛ he deɛ bɛ nsa kaeɛ, nso bɛ a bɛaka he deɛ beprim bɛ akoma,


na wogye di sɛ wokyerɛ anifirafoɔ kwane, woyɛ hann ma bɛ a bɛnam sum mu,


Na esiane sɛ, Nyankopɔn nyansa mu he wamma nnipa amfa wiase nyansa so anhu no nti, ɔsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛfa asɛnka he nkwaseasɛm so agye bɛ a bɛgye di he nkwa.


Wiase yi anyansafoɔ biaa ante yei ase; sɛ bɛtee aseɛ a, nka bɛammɔ animuonyam Wura he asennua mu.


Nso na bɛ akoma ɔdene; nɔkorɛ, ɔde besi nnɛ, sɛ bɛkenkane apam dadaa he a, nkatanimu heaa da so ya hɔ osiane sɛ Kristo nkoaa mu ne otwa mu.


Bɛ mu ne wiase nyame afira bɛ a bɛnnye nni he adwene ani, sɛ benhu asɛmpa he ho hann a ɔyɛ Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn subane he animuonyam.


Kane he a na honnim Nyankopɔn he, hosomm ahonhom a bɛnyɛ Nyame kann he sɛ nkoa.


Na Nyankopɔn maa ho a na hoawu mfomsoɔ ne bɔne a


honkae sɛ saa mmerɛ he na honnim Kristo, na hoyɛ amanfrafoɔ na honnyɛ Israel mane mma, na hoyɛ ahɔhoɔ apam he bɔhyɛ he ho, na honni anidasoɔ biaa, afei nso na honnim Nyankopɔn ho wiase abrabɔ mu.


Na ho a kane he na hoyɛ atuatefoɔ ne atamfoɔ adwene fam ne nwuma bɔne mu he,


ɔnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ Amanamane mufoɔ a bennim Nyankopɔn he;


Esiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia nti, otumi ne bɛ a bennim ne bɛ a bɛafom kwane he di no bɔkɔɔ;


Na deɛ ɔtɔ so mmienu he deɛ, sɔfo panyini he nkoaa ne afe biaa ɔkɔ hɔ prɛko, berɛ a ɔde mogyaa kɔbɔ afɔreɛ, ɔnam ɔnoaa ne mfomsoɔ ne mane he deɛ nti.


Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ.


Sɛ hoyɛ asoɔmmerɛ mma yi, ɔnsɛ sɛ homma akɔnnɔ abrabɔ a odii ho so berɛ a na honnim Nyankopɔn he di ho so bio,


Nso biaa a ɔtane ne nua he te sum mu. Na ɔnam sum mu a onnim baabi a ɔɔkɔ, efiri sɛ, sum he afira n’ani.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ