Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 4:17 - Apam Foforɔ

17 Na afei nea meeka na madi ho adanseɛ Awurade mu ne sɛ ɔnsɛ sɛ hobɔ ho bra bio sɛ amanamane mufoɔ a bɛaka a bɛnante bɛ adwene hunu mu he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 4:17
35 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na mewɔ anuanom nnum, na onkodi adanseɛ nkyerɛ bɛ, na ɔmmɔ bɛ kɔkɔ na bɛamma saa ahoyera yi mu bi.’


“Anuanom, ɛɛne nti ne ho ɔɔyɔ yei? Yɛ nso yɛyɛ nnipa sɛ hoaa, na yɛka asɛmpa kyerɛ ho sɛ honnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Nyankopɔn a ɔte ase he nkyɛne; ɔno ne bɔɔ soro ne asaase ne po ne deɛ ɔya mu nyinaa.


Afei berɛ a Silas ne Timoteo nyinaa firii Makedonia beduruiɛ he, Paulo de ne berɛ nyinaa pae mu kaa asɛm he, na odii Yudafoɔ adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he.


Na ɔde nsɛm foforɔ pii dii adanseɛ, na otuu bɛ fo sɛ, “Homma bɛnnye ho mfiri awoɔ ntoatoasoɔ porɔeɛ yi mu.”


Na mmom medii Nyankopɔn fam adwensakra ne yɛ Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa.


efiri sɛ benim Nyankopɔn deɛ, nso bɛamfa anidie amma no sɛ Nyankopɔn na bɛanna no ase, nso nea bɛdwene he yɛ nsemhunu, na bɛ adwene hunu he yɛɛ sum.


Nea mate ne sɛ ho mu bi ka sɛ, “Meya Paulo afa,” bi nso “Meya Apolo afa,” saa ara nso ne bi nso ka sɛ, “Meya Kefa afa,” anaa “meya Kristo afa.”


Anuanom, deɛ meeka ne sɛ: honam ne mogyaa ntumi nya Nyankopɔn ahennie, saa ne deɛ ɔporɔ ntumi nya deɛ ɔmporɔ.


Nea ɔteɛ ne sɛ: nea ɔdua kakraa bi he, betwa kakraa bi, na nea odua bebree he betwa bebree, na deɛ odua no bafuu he nso betwa no bafuu.


M’asɛm a meeka ne sɛ: Mmara a ɔbaa mfie ahannan-aduasa, bɔhyɛ he akyi he, ntumi nsɛe apam a na Nyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ dadaada a odi mu he, mma bɔhyɛ he nyɛ kwa.


Medi adanseɛ bio sɛ, ɔsɛ sɛ nea ɔma betwa no twetia de hwehwɛ Nyankopɔn anim bembuo he di mmara a aka he nyinaa nso so.


Na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nane ase na waayɔ no nnoɔma nyinaa ti ama asafo a


Ɔne sɛ, ho kane abrabɔ fam deɛ, honto nipa dada a ɔɔsɛe nnaadaa akɔnnɔ mu he ntwene,


Hommma bi mfa kramane ahobrɛaseɛ ne abɔfosom so mma nkunimboɔ he mmɔ ho, nea ɔnam anisoadehunu kwa ne honam nsusuiɛ hunu so yɛ ahomasoɔ.


sɛ biaa nyɔ ne nua bɔne anaa onsisi no asɛm yi mu, efiri sɛ Awurade yɛ katuafoɔ nnoɔma yeinom nyinaa mu, sɛnea yɛadi kane aka akyerɛ ho anibereɛ so he.


Nyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ a bɛayi bɛ he anim ne meebɔ wo kɔkɔ sɛ di saa nkyerɛkyerɛ yi so a wonhwɛ nnipa anim, na womfa ntɛnkyea nni dwuma biaa.


Meetu wo fo Nyankopɔn a ɔma nnoɔma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yie, dii ho adanseɛ Pontio Pilato anim he,


Afei mehyɛ wo Nyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛne n’ahoyie ne n’ahennie mu he anim sɛ:


Sɛ honim sɛ bɛamfa nnoɔma a ɔporɔ, te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ ne gyee ho firii ho abrabɔ hunu a ho nya firii ho agyanom nkyɛne he mu,


Na bɛkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biaa nni so, na bɛnam honam akɔnnɔ ne ahohwie so to bɛ a afei ne bɛatete bɛ ho afiri nnebɔnyɛfoɔ ho he mmradɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ