Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 4:16 - Apam Foforɔ

16 ne mu ne nipadua he nyinaa akeka atoatoa mu pɛpɛɛpɛ na ɔyɔ adwuma bom ma ɔde nea ohia ma sɛnea akwaa biaa dwumadie teɛ, na ama nipadua he anyini ayɛ dene dɔ mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 4:16
28 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Mene bobe he, ho ne mmane he. Nea ɔtena me mu na me nso metena ne mu he, ɔsõ aba bebree; na ho kwati me a hontumi nyɔ hwee.


Na sɛnea honamdua baako wɔ akwaa bebree he, na biaa wɔ dwuma sonoko a odi he,


Esiane sɛ paanoo he yɛ baako nti, yɛ a yɛyɛ dodoɔ he nso yɛyɛ nipadua baako, efiri sɛ yɛ nyinaa yedi paanoo korɔ he bi.


Na afei gyidie, anidasoɔ ne dɔ, nnoɔma mmeɛnsa yi ne ya hɔ, na mu kɛseɛ paa ne dɔ.


Na afei, nea mepɛ sɛ meka fa afɔdeɛ a bɛbɔ ma abosom ho di: yenim sɛ “yɛ nyinaa wɔ nimdeɛ.” Na saa nimdeɛ he ma ahomasoɔ, na dɔ deɛ, ɔma nkɔsoɔ.


Nso Honhom aba he deɛ, ɔno ne dɔ, anigyeɛ, asomdwie, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɔ, gyidie,


Na Kristo Yesu mu he, gyidie a ɔnam dɔ so yɔ adwuma nkoaa ne hia, na ɔnyɛ twetia bɛatwa bi anaa bentwaa no he ne hia.


sɛnea oyii yɛ Kristo mu ansa na bɛtoo wiase fapem sɛ yɛbɛyɛ kronkron, na yɛ ho ɔmma asɛm n’anim.


ɔne sɛ Kristo nam gyidie so bɛtena ho akoma mu, sɛdeɛ hoagye nhini na ho ase atim dɔ mu.


Mabɛyɛ saa asɛmpa yi ho somfoɔ sɛnea Nyankopɔn adom akyɛdeɛ teɛ, nea ɔde maa me sɛnea ne tumi yɔ adwuma he.


sɛ obesiesie ahoteefoɔ ama som nnwuma, na ama Kristo nipadua he anyini,


Na mmom, homma yenni nɔkorɛ, dɔ mu, na yɛnyini akwane nyinaa mu, Kristo a ɔno ne asafo he ti he mu,


Na me mpaebɔ ne sɛ, ho dɔ bɛyɛ mmorosoɔ, nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,


Saa nipa he nkita asafo he Ti a ɔma nipadua he nyinaa aduane, na ɔnam ntoatoamu ne ahoma so ma no ka bom gyina, na onyini nyini a ofiri Nyankopɔn mu he.


Mepɛ sɛ benya nkuranhyɛ bɛ akoma mu na bɛka bom dɔ mu, na bɛanya nteaseɛ pa nyinaa, na bɛanya Nyankopɔn ahintasɛm ho nimdeɛ a ɔne Kristo he ankasa.


kae ho gyidie ne ho dɔ nnwuma ne ho anidasoɔ ho nsiyɛ a ɔya yɛ Awurade Yesu Kristo mu, ya yɛ Agya Nyankopɔn anim.


Yei nti yɛda Nyankopɔn ase daa, sɛ hogyee Nyankopɔn asɛmpa a hote firi yɛ hɔ he, hoannye no sɛ nipa asɛm, na mmom hogyee no sɛdeɛ ɔteɛ ankasa, Nyankopɔn asɛm mapa a ɔɔyɔ adwuma ho agyidifoɔ ho mu.


Na Awurade mmaa dɔ a howɔ ma ho ho ne afoforɔ nyɛ kɛse sɛdeɛ yɛdɔ a yɛwɔ ma ho he teɛ he.


Anuanom, ɔsɛ sɛ yɛda Nyankopɔn ase ma ho da biaa, sɛnea ɔfata, efiri sɛ ho gyidie oonyini mmorosoɔ, na dɔ a hode dɔ ho ho ho ho he nso oonyini.


Na afutusɛm he botae ne dɔ a ofiri akoma pa, ahonim pa ne nɔkorɛ gyidie mu ba.


Afei a hoayɔ setie ama nɔkorɛ he de adwira ho kra ho ama hoanya nuadɔ a nyaatwom nni mu he, homfiri ho akoma nyinaa mu nnodɔ ho ho.


Na yɛ ankasa yenim na yɛgye Nyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛ he di. Nyankopɔn yɛ dɔ, na biaa a ɔte dɔ mu he te Nyankopɔn mu na Nyankopɔn nso te ne mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ