13 kosi sɛ yɛ nyinaa beduru Nyankopɔn Ba he ho gyidie baakoyɛ ne nimdeɛ mu, na yɛbɛwie nyini honhom mu, adi mu sɛnea Kristo a ɔyɛ susudua a ɔyɛ pɛ he teɛ;
Na afei bɛ a bɛgye diiɛ he mu bebree akoma ne bɛ kra yɛɛ baako, na bɛ mu biaa nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno nkoaa ne dea, na mmom bɛ nnoɔma nyinaa yɛ kwasafodeɛ.
Afei anuanom, menam yɛ Awurade Yesu Kristo dini so ootu ho fo sɛ, ho nyinaa honya adwene korɔ; na hommma mpaepaemu mma ho mu, na mmom honka mmom adwene korɔ mu ne nsusuiɛ korɔ mu.
efiri sɛ Nyankopɔn kaa sɛ, “Hann mfiri sum mu nhyerɛn,” ɔnoaa ne ahyerɛn yɛ akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɔya Yesu Kristo anim he nimdeɛ nhyerɛn.
Kristo Yesu guu mmara he ne n’ahyɛdeɛ he ne ne nsusuansoɔ nyinaa, sɛ ɔnam ne nipadua so bɛbɔ nipadua foforɔ baako asi mmienu he anane mu, na ɔde asomdwie aba,
Nɔkwasɛm ne sɛ, mebu nnoɔma nyinaa adehweredeɛ, ɔnam m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ he boɔ a ɔkyɛne so he nti. Ɔno nti mahwere nnoɔma nyinaa, na mebu adeɛ nyinaa sumina so adeɛ, na manya Kristo,
Yeinom so ne ɔnam ama ne bɔhyɛ akɛseɛakɛseɛ a ɔsombo he aba mu ama yɛ, na honam yeinom so adwane akɔnnɔ mu porɔeɛ a ɔya wiase; na hoanya Nyankopɔn su he bi.
Na yenim sɛ Nyankopɔn Ba he aba, na waama yɛ nteaseɛ ama yɛahu Nyankopɔn trodoo he. Yɛ abrabɔ ya Nyankopɔn trodoo he ne ne Ba Yesu Kristo he mu. Yei ne Nyankopɔn trodoo he ne nkwa a onni awieeɛ he.