Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.”
Nti bɛkeka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hommma yɛ ntete mu, na mmom yɛntwe so ntonto nhwɛ nea ɔbɛyɛ ne deɛ.” Na yei ma twerɛ he baa mu sɛ, “Bɛkyekyɛɛ me ngusoɔ mu faeɛ, na bɛ twee m’ataadeɛ nso so ntonto.”
Na bɛkaa sɛ, “Galilea mmeema, ɛɛne nti na hogyina ha ɔɔhwɛ soro haa yi? Yesu yi a bɛafa no ho nkyɛne kɔ soro yi, ɔbɛba saa, sɛnea hohu no sɛ ɔɔkɔ soro yi.”
Menim nipa bi a ɔya Kristo mu a mfie dunan a atwam yi behwimm no kɔɔ soro a ɔtɔ so mmeɛnsa he mu, sɛ yei sii honam mu oo, sɛ ansi honam mu oo, mennim; Nyankopɔn nkoaa ne nim.
Akyinnye nni ho sɛ yɛ som yi mu ahintasɛm he so: Beyii no kyerɛ honam mu, bebuu no bem honhom mu, abɔfoɔ huu no, bɛpaee mu ka ne ho asɛm amanamane mu, bɛgyee no diiɛ wiase, bɛfaa no kɔ soro animuonyam mu.