Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Efesofoɔ 3:3 - Apam Foforɔ

3 ɔne sɛnea ɔnam adiyie so yii ahintasɛm adi kyerɛɛ me, sɛnea m’adi kane atwerɛ no nsɛm tiaa bi mu he;

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Efesofoɔ 3:3
23 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Nso berɛ a mesane baa Yerusalem a meebɔ mpaeɛ asɔrefie hɔ he, menyaa anisoadehunu.


Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre kɔ, efiri sɛ, mɛsoma wo akɔ Amanamane a ɔya akyirikyiri mu.’ ”


Nti hɔ yɛɛ gyegyeegye, na atwerɛfoɔ a befiri Farisifoɔ kuo mu binom sɔre kasakasa dendenndene sɛ, “Yenhu mfomsoɔ biaa nipa yi ho, efiri sɛ ebia na honhom anaa bɔfoɔ bi ne akasa kyerɛ no.”


Nti, anuanom, mepɛ sɛ hote saa ahintasɛm yi ase, na hoammu ho ho anyansafoɔ ho ankasa ho ani so: akomapirim bi aba Israelfoɔ bi so, kosi sɛ Amanamane mufoɔ bebree bɛba mu.


Afei Nyankopɔn a otumi hyɛ ho dene sɛnea m’asɛmpa he teɛ ne Yesu Kristo ho asɛnka, sɛnea adiyie ahintasɛm a bɛde siee teteete


Ɔsɛ sɛ mehoahoa me ho, nso mfasoɔ biaa nni so, nti mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.


efiri sɛ, mannya no nnipa nkyɛne, saa ara nso ne ɔnyɛ nea nipa bi ne kyerɛkyerɛɛ me, na mmom ɔnam Yesu Kristo adiyie mu ne me nsa kaeɛ.


Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛ Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya he, bɛma ho nyansa ne adiyie honhom berɛ a hoahu no yi,


ɔno ne sɛ hokenkane a ɔbɛboa ho ama hoahu nteaseɛ a mewɔ no Kristo ho ahintasɛm mu.


ɔne sɛ, Amanamane mufoɔ he abɛyɛ adedifoɔ te sɛ yɛ, nipadua korɔ heaa ho akwaa, na bɛnam asɛmpa he so anya bɔhyɛ he mu kyɛfa Kristo Yesu mu.


Na afei nso, waama nnipa nyinaa ahu nhyehyɛeɛ a bɛahyehyɛ a ɔfa ahintasɛm a bɛde asie tete mmerɛ nyinaa Nyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa he mu;


Hommɔ mpaeɛ mma me nso, na sɛ mebie m’ano a, manya akokoɔduro a mede bɛpae mu aka asɛmpa he ho ahintasɛm,


Mepɛ sɛ benya nkuranhyɛ bɛ akoma mu na bɛka bom dɔ mu, na bɛanya nteaseɛ pa nyinaa, na bɛanya Nyankopɔn ahintasɛm ho nimdeɛ a ɔne Kristo he ankasa.


Na hommɔ mpaebɔ mma yɛ nso, sɛ Nyankopɔn bebie pono ama n’asɛm, sɛ yɛbɛka Kristo ho ahintasɛm a ɔno nti meda afiase he,


Anuanom, metu ho fo sɛ honkura m’afotusɛm he mu, efiri sɛ m’atwerɛ no tiaa bi ne abra ho.


Me nua gyidini Silwano ne boaa me ma metwerɛɛ saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ ho nkurane na medi adanseɛ sɛ, yei yɛ Nyankopɔn adom trodoo. Honnyina mu pintinn.


Na honkae sɛ Awurade boasetɔ he kyerɛ nkwagyeɛ te sɛ nea yɛ nua Paulo nam nyansa a Nyankopɔn de maa no he so twerɛɛ ho he,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ